Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Sefania Nwoma 1

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Sefania Nwoma 1 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade asɛm a ɛbaa Sefania a ɔyɛ Kusi ba, Gedalia ba, Amaria ba, Hesekia ba nkyɛn nie. Ɛbaa Yudahene Yosia a ɔyɛ Amon ba berɛ so.

ASCB: 2ASCB

“Mɛpra biribiara afiri asase so”deɛ Awurade seɛ nie,

ASCB: 3ASCB

“Mɛpra nnipa ne mmoa nyinaa;mɛpra nnomaa a wɔwɔ ewiemne mpataa a wɔwɔ ɛpo mu nyinaa.Atirimuɔdenfoɔ bɛnya wira a ɛsum hɔ nko arasɛ mesɛe adasamma a wɔwɔ asase yi so a,”deɛ Awurade seɛ nie.

ASCB: 4ASCB

“Mɛtene me nsa wɔ Yudane wɔn a wɔte Yerusalem nyinaa so;na mɛsɛe Baal ho biribiara a aka wɔ ha,na masɛe abosonsomfoɔ ne abosomfoɔ asɔfoɔ no din

ASCB: 5ASCB

wɔn a wɔkoto sɔre wɔn adan atifi,de sɔre abɔdeɛ a ɛwɔ ewiem,wɔn a wɔkoto de Awurade ka ntamna wɔde Molek nso ka ntam,

ASCB: 6ASCB

wɔn nso a wɔgyae Awurade akyiridiena wɔnhwehwɛ Awurade anaa wɔmmisa nʼase.”

ASCB: 7ASCB

Monyɛ komm wɔ Asafo Awurade anim,ɛfiri sɛ, Awurade ɛda no abɛn. Awurade asiesie afɔrebɔdeɛ;wadwira wɔn a wato nsa afrɛ wɔn no ho.

ASCB: 8ASCB

“Awurade afɔrebɔ ɛda no,mɛtwe mmapɔmmane ahenemmane wɔn a wɔhyehyɛananafoɔ ntadeɛ nyinaa aso.

ASCB: 9ASCB

Saa ɛda no mɛtwe wɔna wɔkwati aponnwa no nyinaa aso.Wɔn a wɔde akakabensɛmne nsisie hyehyɛ wɔn abosomfie ma no.

ASCB: 10ASCB

“Saa ɛda no,”sɛdeɛ Awurade seɛ nie,“Esu bɛfiri Mpataa Ɛpono ano,agyaadwotwa bɛfiri Atenaeɛ Foforɔna nnyegyeeɛ a ano yɛ den afiri nkokoɔ no so aba.

ASCB: 11ASCB

Montwa adwo, mo a mote adetɔnbea hɔ nowɔbɛtɔre wɔn a mo ne wɔn di dwa ase,dwetɛ adwadifoɔ nyinaa nso wɔbɛsɛe wɔn.

ASCB: 12ASCB

Mede nkanea bɛkyini ahwehwɛ Yerusalem muna matwe wɔn a wɔgyaagyaa wɔn ho aso,wɔn a wɔte sɛ bobesa puo no,a wɔdwene sɛ, ‘Awurade nnyɛ wɔn hweesɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.’

ASCB: 13ASCB

Wɔbɛfom wɔn ahonyadeɛ,na wɔabubu wɔn afie agu.Wɔbɛsisi afie, nanso wɔrentena muwɔbɛyɛ bobe mfuonanso wɔrennom emu nsã.”

ASCB: 14ASCB

Awurade ɛda kɛseɛ no abɛn,abɛn na ɛreba ntɛm so.Tie! Osu a wɔbɛsu Awurade ɛda no bɛyɛ ya,ɔkofoɔ a ɔwɔ hɔ nso nteamu bɛyɛ saa ara.

ASCB: 15ASCB

Saa ɛda no bɛyɛ abufuo ɛda,ɛyɛ ahoyera ne ɔyea ɛda;ɛyɛ amanehunu ne ɔsɛeɛ ɛda,ɛyɛ esum ne kusukuukuu ɛdaɛyɛ omununkum ne kusuuyɛ ɛda,

ASCB: 16ASCB

ɛyɛ totorobɛnto hyɛn ne ɔko nteama ɛtia nkuropɔn a ɛwɔ banbɔne ntwɛtwɛaso abantenten ɛda.

ASCB: 17ASCB

“Mede awerɛhoɔ bɛba nnipa no sona wɔbɛnante sɛ anifirafoɔ,ɛfiri sɛ wɔayɛ bɔne atia Awurade.Wɔbɛhwie wɔn mogya agu sɛ mfuturo,na wɔn ayamdeɛ nso sɛ atantanneɛ.

ASCB: 18ASCB

Wɔn dwetɛ anaa sikakɔkɔɔrentumi nnye wɔn nkwawɔ Awurade abufuo ɛda no.”Ne ninkuntwe mu ogya nobɛhye ɔman no nyinaa,na ɔbɛma asase no so tefoɔ nyinaa nkwaaba awieeɛ mpofirim.