Scripture
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 3
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Odiyifoɔ Habakuk Nwoma 3 Bible text
Awurade, mate wo ho nsɛm nyinaa,na me ho adwiri me wɔ wʼanwanwannwuma a woayɛ ho,Yɛ no foforɔ wɔ yɛn mmerɛ so.Yɛn mmerɛ yi mu, ma wɔnhunu.Wʼabofuhyeɛ mu no, kae wo mmɔborɔhunu.
Onyankopɔn firi Teman baeɛ,Ɔkronkronni a ɔfiri Bepɔ Paran so,Nʼanimuonyam kata ɔsoro,na nʼayɛyie hyɛ asase so ma.
Sɛ ɔgyina a, asase woso.Sɛ ɔhwɛ a, ɔma aman woso.Tete mmepɔ dwiri,na nkokoɔ a ɛfiri tete no ka sram so.Nʼakwan nntwa mu da.
Awurade, wo bo fuu nsubɔntene no?Wʼabofuo no tiaa nsuwansuwa no?Wosɔre tiaa ɛpo,ɛberɛ a wo ne wʼapɔnkɔne nkonimdie nteaseɛnam nam.
Owia ne ɔsrane gyinagyinaa sorosoro hɔ,ɛberɛ a wohunuu wʼagyan a ɛnenam ewiem no hann none wo pea a ɛpa nyinam nyinam no.
Wobaeɛ sɛ worebɛgye wo nkurɔfoɔ,na woagye deɛ wɔasra no no nkwa.Wopɛkyɛɛ atirimuɔdenfoɔ ɔman no kandifoɔ,wopaa ne ho ntoma firi ne tiri so kɔsii ne nan ase.
Wode ɔno ankasa pea hweree ne tiri mu,ɛberɛ a nʼakofoɔ bɔɔ yerɛdɛ sɛ wɔrebɛhwete yɛn mu.Wɔpɛɛ sɛ wɔbɛtɔremmɔborɔfoɔ a wɔakɔ atɛ no ase koraa.
Meteeɛ no, mʼakoma tuuɛ,nnyegyeeɛ no maa mʼano poo biribiri;aporɔ hyɛnee me nnompe mu,na me nan wosoeɛ.Nanso mɛto me bo ase atwɛn akɔsi sɛamanehunu da bɛduru ɔman a wɔto hyɛɛ yɛn so no.
Ɛwom, borɔdɔma nnua no nguu nhwiren,na aba nso nni bobe no so;ɛwom, ngo dua no adi hwammɔna mfuo no mmɔ aduane.Ɛwom, nnwan biara nni buo no mu,na anantwie nso nni ban no mu.
Otumfoɔ Awurade yɛ mʼahoɔden.Ɔma me nan yɛ sɛ ɔforoteɛ deɛ,ɔma me nante sorɔnsorɔmmea.Wɔmfa mpaeɛ yi mma nnwomtofoɔ ntuanoni no. Na wɔnto no wɔ me nhoma nnwontodeɛ no so.