Skip to main content

Scripture

Odiyifoɔ Sefania Nwoma 2

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Odiyifoɔ Sefania Nwoma 2 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mommoaboa mo ho ano, mommoaboa mo ho ano,Ao, animguaseɛ ɔman,

ASCB: 2ASCB

ansa na ɛberɛ a wɔahyɛ no aduru,na ɛda no resene te sɛ ntɛtɛ,ansa na Awurade abufuhyeɛ noaba mo so,ansa na Awurade abufuo ɛda noaba mo so.

ASCB: 3ASCB

Monhwehwɛ Awurade, ahobrɛasefoɔ a mowɔ asase so,mo a moyɛ nʼahyɛdeɛ.Monhwehwɛ tenenee, monhwehwɛ ahobrɛaseɛ;ebia ɔbɛkora mo Awurade abufuo ɛda no.

ASCB: 4ASCB

Wɔbɛgya Gasana wɔagya Askelon sɛ kurofo.Owigyinaeɛ na ɔbɛma Asdod ada mpamna wɔatutu Ekron ase.

ASCB: 5ASCB

Monnue mo a mote mpoano,Ao, mo Keretifoɔ; Awurade asɛm tia mo.Ao, Kanaan, Filistifoɔ asase.Mɛtɔre mo ase,na obiara renka.

ASCB: 6ASCB

Asase a ɛda mpoano, baabi a Keretifoɔ teɛbɛyɛ atenaeɛ ama nnwanhwɛfoɔne wɔn nnwammuo.

ASCB: 7ASCB

Saa asase no bɛyɛ Yudafie nkaeɛfoɔ no dea;ɛhɔ na wɔbɛnya mmoa adidibea.Anwummerɛ wɔbɛdeda wɔAskelon afie mu.Na Awurade, wɔn Onyankopɔn bɛhwɛ wɔn,na ɔde wɔn ahonyadeɛ nyinaa bɛsane ama wɔn.

ASCB: 8ASCB

“Mate Moab nsopa neAmonfoɔ atweetweɛ;wɔn a wɔsopaa me nkurɔfoɔna wɔhunahunaa wɔn wɔ wɔn asase ho.

ASCB: 9ASCB

Enti, sɛ mete ase yi,”sɛdeɛ Asafo Awurade,Israel Onyankopɔn, seɛ nie,“Ampa ara Moab bɛyɛ sɛ Sodom,na Amonfoɔ ayɛ sɛ Gomora,baabi a ewira ne nkyɛn amena wɔ,asase a ɛda mpan afebɔɔ.Me ɔman nkaeɛ bɛfom wɔn afa;me manfoɔ a wɔbɛnya wɔn ti adidim bɛfa wɔn asase.”

ASCB: 10ASCB

Wɔn ahantan so akatua a wɔbɛnya nie,sɛ wɔsopa na wɔtwetwe Asafo Awurade nkurɔfoɔ enti.

ASCB: 11ASCB

Awurade ho suro bɛba wɔn soɛberɛ a ɔbɛsɛe asase no so anyame nyinaa.Mpoano aman nyinaa bɛsɔre no,wɔ wɔn ankasa wɔn asase so.

ASCB: 12ASCB

“Mo Etiopiafoɔ nso,mʼakofena ano na wɔbɛkunkum mo.”

ASCB: 13ASCB

Awurade bɛtene ne nsa wɔ atifi aman sona wasɛe Asiria,na wama Ninewe ada mpan koraana ɛso awo wesee sɛ anwea pradada so.

ASCB: 14ASCB

Nnwankuo ne anantwie bɛdeda hɔ,mmoadoma nyinaa.Ɛserɛ so patuo ne ɔbonsam anomabɛtena nʼadum no so.Wɔn su bɛgyegye mpomma mu,mmubuiɛ bɛsisi apono ano akwan,mpunan a wɔde ntweneduro ayɛ no ho bɛdeda hɔ.

ASCB: 15ASCB

Yei ne kuropɔn a ɛdi ahurisiena ɛte asomdwoeɛ mu.Ɔhoahoa ne ho sɛ,“Me ne no, obiara nte sɛ me.”Hwɛ sɛ deɛ atete apansam,na ayɛ nkeka mmoa atenaeɛ!Obiara a ɔtwam hɔ no sere no,hugya ne nsa fɛdie so.