Scripture
Nnwom Mu Dwom 6
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 6 Bible text
Ɛhe na wo dɔfoɔ no korɔmmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?Ɛhe na wo dɔfoɔ dane faeɛ,na yɛne wo nkɔhwehwɛ no?
Me dɔfoɔ kɔ ne turo mu,faako a pɛperɛ nkofie wɔ hɔ,ɔkɔkyinkyini turo no muakɔboaboa sukooko ano.
Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ te sɛ Tirsa,wʼahoɔfɛ te sɛ Yerusalem,wosi pi te sɛ asraafoɔ a wɔretu frankaa.
Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,a wɔfiri adwareɛ.Wɔnam mmienu mmienuna wɔn mu biara nyɛ ankonam.
Ebia na ɔyerenom yɛ aduosia,mpenafoɔ bɛyɛ aduɔwɔtwe,ne mmabaawa dodoɔ a wɔntumi nkan wɔn;
nanso mʼaborɔnoma a ne ho nni asɛm da mu fua;ɔno nko ara ne ne maame babaa,ɔno na deɛ ɔwoo no no pɛ nʼasɛm.Mmabaawa hunu no no, wɔfrɛɛ no nhyira;ahemaa ne mpenafoɔ kamfoo no.
Hwan na wapue sɛ ahemadakye yi,ɔyɛ frɔmm sɛ ɔsrane, na ɔhyerɛn sɛ owia,nʼanimuonyam te sɛ nsoromma a wɔsa so.
Mesiane kɔɔ nnuaba pɔ mu hɔsɛ merekɔhwehwɛ afifideɛ foforɔ a ɛwɔ bɔnhwa no mu,sɛ bobe no agu nhyerɛnneanaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.
Sane wʼakyi, sane wʼakyi, Ao, Sulamit abaayewa;Sane bra, sane bra ma yɛn nhwɛ wo!Aberanteɛ:Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mohwɛ Sulamit abaayewasɛdeɛ mohwɛ Mahanaim asa?