Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano.Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ;manom me bobesa ne me nufosuo.Nnamfonom:Ao, nnamfonom, monnidi na monnom;Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo.

ASCB: 2ASCB

Medaeɛ nanso mʼakoma anna.Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu;“Bue me, me nuabaa, me dɔ,mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm.Obosuo afɔ me tirim,anadwo mu bosuo afɔ me nwi.”

ASCB: 3ASCB

Maworɔ mʼatadeɛ,mensane mfa nhyɛ anaa?Mahohoro me nan ase,memma ho nyɛ fi bio anaa?

ASCB: 4ASCB

Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono nomʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu.

ASCB: 5ASCB

Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ,na me nsa ho kurobone me nsateaa ho aduhwam,yɛɛ apratwom no ho.

ASCB: 6ASCB

Mebue maa me dɔfoɔ no,nanso na ɔkɔ.Ne korɔ no maa me ho dwirii me.Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara.Mefrɛɛ no nanso wannye me so.

ASCB: 7ASCB

Awɛmfoɔ no hunuu meɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu.Wɔbobɔɔ me pirapiraa me;wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛsaa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no!

ASCB: 8ASCB

Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo,sɛ mohunu me dɔfoɔ no a,asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no?Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti.

ASCB: 9ASCB

Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ,mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ?Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ aenti wohyɛ yɛn sei?

ASCB: 10ASCB

Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye,wɔfa mpemdu a ɔda mu fua.

ASCB: 11ASCB

Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa;ne tiri so nwi yɛ kuhaa,na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi.

ASCB: 12ASCB

Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma aɔgyina asuwa bi ho;ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no,na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa.

ASCB: 13ASCB

Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ.Ɛho hwa te sɛ aduhwam.Nʼanofafa te sɛ sukookoa ɛsosɔ kurobo.

ASCB: 14ASCB

Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaaa wɔde sikabereɛboɔ asisi mu.Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi hona wɔde aboɔdemmoɔ adura ho.

ASCB: 15ASCB

Ne nan te sɛ abohemaa afadum aɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so.Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon aɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro.

ASCB: 16ASCB

Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa;ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ.Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie,Ao, Yerusalem mmammaa.