Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 7

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 7 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wo nan ne mpaboa yɛ fɛ,Ao, ɔdehyeɛ babaa!Wʼanantuo a wogyina so te sɛ abohemaa,odwumfoɔ nsa ano adwuma.

ASCB: 2ASCB

Wo funuma yɛ kuruwa a ɛnni nsaa nsã pa wɔ mu ɛberɛ biara.Wo sisi yɛ atokoɔ a wɔaboa anona sukooko atwa ho ahyia.

ASCB: 3ASCB

Wo nufu te sɛ aforoteɛ mma mmienu,adabɔ mma ntafoɔ.

ASCB: 4ASCB

Wo kɔn te sɛ asonse abantenten.Wʼaniwa aba te sɛ Hesbon ntadeɛa ɛwɔ Bat Rabim ɛpono nkyɛn.Wo hwene te sɛ Lebanon abantentena ɛkyerɛ Damasko no.

ASCB: 5ASCB

Wo tiri si so sɛ Karmel Bepɔ.Wo tirinwi te sɛ adehyetoma a wɔadi mu adwinneɛ;wo tirinwi tentene no dwomfa ɔhene.

ASCB: 6ASCB

Wo ho yɛ fɛ, Ao ɔdɔ,wo ho anikadeɛ ma wo ho yɛ ahomeka.

ASCB: 7ASCB

Wo siberɛ te sɛ abɛ dua,na wo nufu te sɛ aduaba siaka.

ASCB: 8ASCB

Mekaa sɛ, “Mɛforo abɛ dua no;na masɔ nʼaba mu.”Wo nufu nyɛ sɛ bobe siaka,na wo homeɛ mu hwa nyɛ sɛ aprɛ.

ASCB: 9ASCB

Na wʼanomu hwa nyɛ sɛ bobesa papa.Ababaawa:Ma bobesa no nkɔ me dɔfoɔ hɔ tee,ɛntene mfa nʼanofafa ne ne se no so brɛoo.

ASCB: 10ASCB

Meyɛ me dɔfoɔ dea,na nʼapɛdeɛ ne me.

ASCB: 11ASCB

Bra, me dɔfoɔ; ma yɛnkɔ nkuraase,ma yɛnkɔda nkuraase anadwo baako.

ASCB: 12ASCB

Ma yɛnkɔ bobefuo mu ntɛmnkɔhwɛ sɛ bobe no agu nhyerɛnne,sɛ nhyerɛnne no apaapae,anaasɛ ateaa no ayɛ frɔmm.Ɛhɔ na mede me dɔ bɛma wo.

ASCB: 13ASCB

Adasoa yi ne hwa,na akɔnnɔduane nyinaa bɛgu yɛn ɛpono ano,foforɔ ne dada,a mede asie ama woɔ, me dɔfoɔ.