Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 4

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 4 Bible text

ASCB: 1ASCB

Wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ!Ao, wo ho yɛ fɛ!Wʼaniwa a ɛhyehyɛ wo nkatanimu mu no te sɛ aborɔnoma.Wo nwi te sɛ mpapokuo awɔresiane Gilead Bepɔ.

ASCB: 2ASCB

Wo se te sɛ nnwankuo a wɔatwitwa wɔn ho nwi foforɔ,a wɔfiri adwareɛ.Wɔnam mmienu mmienuna wɔn mu biara nyɛ ankonam.

ASCB: 3ASCB

Wʼanofafa te sɛ koogyan ahoma;wʼano yɛ fɛ.Wʼasontorɔ mu a ɛhyɛ wo nkatanimu mute sɛ ateaa aduaba fa.

ASCB: 4ASCB

Wo kɔn te sɛ Dawid abantenten,a wɔasi no fɛɛfɛ;na akokyɛm apem sensɛn ho,a ne nyinaa yɛ akofoɔ kyɛm.

ASCB: 5ASCB

Wo nufu mmienu te sɛ atwe mma mmienu,atwe mma ntafoɔ awɔdidi wɔ sukooko mu.

ASCB: 6ASCB

Ɛnkɔ si sɛ adeɛ bɛkye,ama sunsum adwane no,mɛkɔ kurobo bepɔne aduhwam nkokoɔ no so.

ASCB: 7ASCB

Me dɔfoɔ, wo ho yɛ fɛ papa;wo ho nni ɛdɛm biara.

ASCB: 8ASCB

Ma yɛn mfiri Lebanon, mʼayeforɔ,wo ne me mfiri Lebanon nkɔ.Siane firi Amana atifi bra,firi Senir atifi, Hermon apampam hɔ,firi agyata buo mune mmepɔ a asebɔ dɛɛdɛɛ hɔ.

ASCB: 9ASCB

Woagye mʼakoma abɔ so, me nuabaa, mʼayeforɔ;woagye mʼakoma abɔ sowode wʼani a ɛbɔɔ me soɔ,ne wo kɔnmuadeɛ mu ɔbohemaa baako.

ASCB: 10ASCB

Wo dɔ yɛ ahomeka, me nuabaa, mʼayeforɔ!Hwɛ wo dɔ sɔ ani sene bobesa,na wʼaduhwam yɛ hwam sene pɛperɛ biara.

ASCB: 11ASCB

Adɔdɔdeɛ firi wʼano sɛ ɛwokyɛm, mʼayeforɔ;nufosuo ne ɛwoɔ wɔ wo tɛkrɛma ase.Wo ntadeɛ mu hwa te sɛ Lebanon deɛ.

ASCB: 12ASCB

Wote sɛ turo a wɔato ano ɛpono mu, me nuabaa, mʼayeforɔ;woyɛ asutire a wɔagye ho ban, asubura a wɔasɔ ano.

ASCB: 13ASCB

Wo nnua yɛ nnuabafuo so ateaaa ɛso aba pa,ahuahaa ne nnuannua,

ASCB: 14ASCB

nnuannua ne mmɛtire,osiko ne sinamon,a ohwamfufuo nnua hodoɔ,kurobo ne dupapoɔne pɛperɛ papa ahodoɔ nyinaa ka ho.

ASCB: 15ASCB

Woyɛ turo mu asubura.Woyɛ ɔtadeɛ a nsuo tene firi musane firi Lebanon.

ASCB: 16ASCB

Sɔre, atifi fam mframa!Bra, anafoɔ fam mframa!Bɔ fa me turo mu,sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne hwa no bɛgyegye hɔ.Ma me dɔfoɔ mmra ne turo muna ɔmmɛka ne nnuaba papa no nhwɛ.