Skip to main content

Scripture

Nnwom Mu Dwom 3

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom Mu Dwom 3 Bible text

ASCB: 1ASCB

Anadwo mu nyinaa, wɔ me mpa somehwehwɛɛ deɛ mʼakoma da no so;mehwehwɛɛ no, nanso manhunu no.

ASCB: 2ASCB

Mɛsɔre afei na makɔ kyinkyini kuropɔn no mu,ne mmɔntene so ne nʼadwabirem;na mahwehwɛ deɛ mʼakoma da no so.Enti mehwehwɛɛ no nanso manhunu no.

ASCB: 3ASCB

Awɛmfoɔ no hunuu meɛberɛ a wɔrebɔ aprɔ wɔ kuropɔn no mu.“Moahunu deɛ mʼakoma da no so no anaa?”

ASCB: 4ASCB

Mereyɛ atwa wɔn ho pɛna mehunuu deɛ mʼakoma da no so no.Mesɔɔ ne nsa sɛ meremma no nkɔkɔsii sɛ mede no baa me maame fie,de no kɔɔ deɛ ɔnyinsɛnee me dan mu.

ASCB: 5ASCB

Yerusalem mmammaa mehyɛ mo sɛ,Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nsuae sɛmorennyane na morenhwanyane ɔdɔ mukɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.

ASCB: 6ASCB

Hwan na ɔfiri ɛserɛ so rebate sɛ wisie kumɔnn aɛfiri kurobo, aduhwamne adwadifoɔ pɛprɛ ahodoɔ mu, atutu ne ho yi?

ASCB: 7ASCB

Monhwɛ, ɛyɛ Salomo teaseɛnam aakofoɔ aduosia bɔ no kyidɔm;adeɛ a ɛwɔ animuonyam pa ara wɔ Israel,

ASCB: 8ASCB

Wɔn nyinaa bobɔ akofena,wɔn nyinaa wɔ akodie ho nyansa.Wɔn akofena bobɔ wɔn nkyɛn mu,na obiara asiesie ne ho ama deɛ ɛbɛsi anadwo a ɛyɛ hu biara.

ASCB: 9ASCB

Ɔhene Salomo yɛɛ teaseɛnam no maa ne ho;ɔde Lebanon nnua na ɛyɛeɛ.

ASCB: 10ASCB

Ɔde dwetɛ na ɛyɛɛ nʼadum,ɔde sikakɔkɔɔ na ɛyɛɛ ne nnyinasoɔ.Wɔde beredum ntoma na ɛduraa emu nkonnwa ho.Emu nsiesie yɛ ahomekana Yerusalem mmammaa na wɔyɛeɛ.

ASCB: 11ASCB

Momfiri adi, mo Sion mmammaa,mommɛhwɛ ɔhene Salomo sɛ ɔhyɛ ahenkyɛdeɛ ne maame de hyɛɛ no nʼayeforɔhyia da no,da a ɔdii ahurisie nʼakoma mu no.