Scripture
Nnwom Mu Dwom 2
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 2 Bible text
Sɛdeɛ aprɛ teɛ wɔ kwaeɛ mu nnua mu nosaa ara na me dɔfoɔ teɛ wɔ mmaranteɛ mu.Sɛ metena ne nwunu mu a, menya ahomekana nʼaba nso yɛ mʼanom dɛ.
Momma me bobe aba na menya ahoɔden,momma me aprɛ na ɛnnwodwo me,ɛfiri sɛ ɔdɔ ama matɔ baha.
Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo sɛ,Momfa wiram atwewa ne ɔforoteɛ nka ntam sɛmorennyane, na morenhwanyane ɔdɔ mukɔsi ɛberɛ a ɛsɛ mu.
Tie! Me dɔfoɔ!Hwɛ! Ɔno na ɔreba no,ɔrehurihuri wɔ mmepɔ no sona ɔbɔ pentenkwa wɔ nkokoɔ no so.
Me dɔfoɔ te sɛ ɔtwe anaa ɔforoteɛ.Hwɛ! Ɔgyina yɛn ɔfasuo akyi,ɔhwɛ mpomma no mu,wagyene nʼani hwɛ ntokua no mu.
Borɔdɔma agu nhyerɛnne;na bobe hwa agye baabiara.Sɔre bra, me dɔfoɔ;mʼahoɔfɛ bra me nkyɛn.”
Mʼaborɔnoma a wohyɛ abotan ntokuro muahinta wɔ mmepɔ so,ma me nhunu wʼanim;ma mente wo nne;wo nne yɛ dɛ,na wʼanim yɛ fɛ.
Monkyekyere sakraman no mma yɛn,sakraman nketewa noa wɔsɛe bobe nturo,yɛn bobe nturo a ayɛ frɔmm no.
Ɛnkɔsi sɛ adeɛ bɛkyena sunsumma bɛsene akɔ no,dane wo ho me dɔfoɔ,na yɛ sɛ ɔtwewaanaa ɔforoteɛ aɔwɔ nkokoɔ mmɔnkyi mmɔnka no so.