Scripture
Nnwom Mu Dwom 1
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom Mu Dwom 1 Bible text
Wʼaduhwam yi hwa a ɛyɛ ahomekawo din te sɛ aduhwam a wɔahwie.Na ɛnyɛ nwanwa sɛ mmabaawa no dɔ woɔ!
Fa me kɔ, ma yɛnyɛ ntɛm!Ma ɔhene mfa me nkɔ ne piam.NnamfonomYɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho.Yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.Ababaawa:Sɛ wɔkamfo wo a, na ne kwan so ara ne no!
Mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,Ao, Yerusalem mmammaa,mobiri te sɛ Kedar ntomadan,te sɛ, Salomo ntomadan mu ntwamutam!
Nhwɛ me haa sɛ mebirie enti,ɛfiri sɛ awia na ayɛ me saa.Memaa mmammarima bo fuu meenti wɔmaa me kɔhwɛɛ bobe nturo so;na amma manhwɛ mʼankasa me bobe turo.
Kyerɛ me me dɔfoɔ,faako a wode wo nnwankuo kɔ adidina owigyinaeɛ nso faako a woma wo nnwan home.Adɛn enti na ɛsɛ sɛ meyɛ sɛ ɔbaa a wakata nʼanimwɔ wo nnamfonom nnwankuo ho?
Sɛ wonnim a, mmaa ahoɔfɛfoɔ pa ara no,fa ɛkwan a nnwan fa soɔ sona fa wo mpapo mma kɔ adidiwɔ nnwanhwɛfoɔ no ntomadan ho.