Skip to main content

Scripture

Ɔsɛnkafoɔ 12

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Ɔsɛnkafoɔ 12 Bible text

ASCB: 1ASCB

Kae wo Bɔfoɔwɔ wo mmeranteberɛ mu,ansa na nnabɔne no abana mfeɛ a wobɛka sɛ,“Menni mu anigyeɛ biara” no reba,

ASCB: 2ASCB

ansa na owia ne hann,ɔsrane ne nsoromma aduru sum,na omununkum asane aba osutɔ akyi.

ASCB: 3ASCB

Ɛberɛ a efie no awɛmfoɔ ho popo,na mmarima ahoɔdenfoɔ akom,ɛberɛ a ayamfoɔ agyae adwumayɛ, sɛ wɔsua entina wɔn a wɔhwɛ mpoma mu no ani so ayɛ kusuu;

ASCB: 4ASCB

ɛberɛ a wɔatoto abɔntene no apono muna ayammeeɛ nnyegyeeɛ ano abrɛ ase;ɛberɛ a nnipa te nnomaa su na wɔanyane,nanso wɔn nnwontoɔ ano brɛ ase;

ASCB: 5ASCB

ɛberɛ a nnipa suro ɛsoro kɔne mmɔntene so amanenyasɛm;ɛberɛ a sorɔno dua bɛgu nhyerɛnnena abɛbɛ wea korɔna nkatedeɛ ho adwodwoɔ.Afei onipa kɔ ne daa homeɛ muna agyaadwotwafoɔ tu gu mmɔntene so.

ASCB: 6ASCB

Kae no, ansa na dwetɛ ahoma no ate,anaasɛ sikakɔkɔɔ ayowaa no abɔ;ansa na sukuruwa no abobɔ wɔ asutene ho,anaasɛ asubura so nkyimiiɛ abubu,

ASCB: 7ASCB

na dɔteɛ sane kɔ asase a ɛfiri mu baeɛ,na honhom no tu kɔ Onyankopɔn a ɔde maeɛ no nkyɛn.

ASCB: 8ASCB

“Ahuhudeɛ mu ahuhudeɛ” ɔsɛnkafoɔ no na ɔseɛ.“Biribiara yɛ ahuhudeɛ!”

ASCB: 9ASCB

Ɔsɛnkafoɔ no yɛ onyansafoɔ na ɔde nimdeɛ maa nnipa nso. Ɔdweneeɛ na ɔyɛɛ nhwehwɛmu na ɔbubuu mmɛ bebree.

ASCB: 10ASCB

Ɔsɛnkafoɔ no hwehwɛɛ sɛ ɔbɛnya nsɛm a ɛfata, na deɛ ɔtwerɛeɛ no yɛ pɛ na ɛyɛ nokorɛ nso.

ASCB: 11ASCB

Anyansafoɔ nsɛm te sɛ anantwikafoɔ mpea. Wɔn nsɛm a wɔaboa ano te sɛ nnadewa a wɔde abobɔ dua mu ma akɔ mu yie. Saa nsɛm yi nyinaa firi Odwanhwɛfoɔ baako nkyɛn.

ASCB: 12ASCB

Mebɔ wo kɔkɔ sɛ twe wo ho firi biribiara a ɛka yeinom ho, me babarima.Nwoma bebrebe atwerɛ nni awieeɛ, na ne sua pii no ma honam yɛ mmerɛ.

ASCB: 13ASCB

Afei ne nyinaa atɔ asom;nsɛm no awieeɛ nie:Suro Onyankopɔn na di nʼahyɛdeɛ so,na onipa asɛdeɛ nyinaa nie.

ASCB: 14ASCB

Onyankopɔn bɛbu adeyɛ biara atɛn,deɛ wɔayɛ asie nso ka ho,sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne.