Skip to main content

Scripture

Nnwom 98

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 98 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monto dwom foforɔ mma Awurade,ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree;ne nsa nifa ne ne basa kronkron noanya nkwagyeɛ ama no.

ASCB: 2ASCB

Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛna wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no.

ASCB: 3ASCB

Wakae nʼadɔeɛne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ;asase ano nyinaa ahunuyɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ.

ASCB: 4ASCB

Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade,momfa nnwontoɔ nni ahurisie;

ASCB: 5ASCB

Momfa sankuo nto dwom mma Awurade,sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ,

ASCB: 6ASCB

momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn,nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim.

ASCB: 7ASCB

Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so;asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa.

ASCB: 8ASCB

Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam,mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom;

ASCB: 9ASCB

ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim,ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn.Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛnna ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn.