Skip to main content

Scripture

Nnwom 97

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 97 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye;ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.

ASCB: 2ASCB

Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia;tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

ASCB: 3ASCB

Ogya di nʼanimna ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.

ASCB: 4ASCB

Nʼanyinam hran ewiase;asase ahunu, na ne ho popo.

ASCB: 5ASCB

Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

ASCB: 6ASCB

Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛna aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

ASCB: 7ASCB

Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase,wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no,anyame nyinaa monsɔre no.

ASCB: 8ASCB

Sion te, na ne ho sɛpɛ nona Yuda nkuraase ani gyeAo Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

ASCB: 9ASCB

Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa;wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

ASCB: 10ASCB

Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne,ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho banna ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.

ASCB: 11ASCB

Hann to gu teneneefoɔ sona anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.

ASCB: 12ASCB

Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa,na monkamfo ne din kronkron no.