Scripture
Nnwom 99
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 99 Bible text
Awurade di ɔhene,momma amanaman no ho mpopo;ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam,ma asase nwoso.
Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho,na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho;wɔfrɛɛ Awurade,na ɔgyee wɔn so.
Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn,wogyee wɔn so;woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel,nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.
Momma Awurade yɛn Onyankopɔn sona monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so,na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.