Skip to main content

Scripture

Nnwom 96

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 96 Bible text

ASCB: 1ASCB

Monto dwom foforɔ mma Awurade;asase nyinaa monto dwom mma Awurade.

ASCB: 2ASCB

Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din;mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa.

ASCB: 3ASCB

Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu,monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu.

ASCB: 4ASCB

Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie;ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa.

ASCB: 5ASCB

Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa,nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro.

ASCB: 6ASCB

Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim;ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ.

ASCB: 7ASCB

Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo,momfa animuonyam ne tumi mma Awurade.

ASCB: 8ASCB

Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade;momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ.

ASCB: 9ASCB

Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu;asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim.

ASCB: 10ASCB

Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.”Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim;ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn.

ASCB: 11ASCB

Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie;momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo;

ASCB: 12ASCB

momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose.Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom;

ASCB: 13ASCB

wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba,ɔreba abɛbu asase no atɛn.Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛnna woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu.