Skip to main content

Scripture

Nnwom 95

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 95 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade;momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no.

ASCB: 2ASCB

Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim,na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so.

ASCB: 3ASCB

Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ,ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so.

ASCB: 4ASCB

Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ,na mmepɔ mpampam wɔ no.

ASCB: 5ASCB

Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ,na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no.

ASCB: 6ASCB

Mommra mma yɛnkoto nsom no.Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim!

ASCB: 7ASCB

Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn;yɛyɛ nʼadidibea nnipa,ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so.Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a,

ASCB: 8ASCB

mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no,sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no,

ASCB: 9ASCB

Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ,a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn.

ASCB: 10ASCB

Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduananna mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho,na wɔanhunu mʼakwan.”

ASCB: 11ASCB

Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ,“Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.”