Skip to main content

Scripture

Nnwom 94

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 94 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade, Onyankopɔn a wotɔ werɛ,Onyankopɔn a wotɔ werɛ, hyerɛn.

ASCB: 2ASCB

Sɔre, Ao wo a woyɛ asase so ɔtemmufoɔ,tua ahantanfoɔ ka sɛdeɛ ɛfata wɔn.

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn,amumuyɛfoɔ nnye wɔn ani nkɔsi da bɛn?

ASCB: 4ASCB

Wɔkasa ahantan so;ahohoahoa ahyɛ abɔnefoɔ nyinaa ma.

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade, wɔdwerɛ wo nkurɔfoɔ;wɔhyɛ wʼagyapadeɛ so.

ASCB: 6ASCB

Wɔkunkumm akunafoɔ ne amanfrafoɔ;na wɔdi nwisiaa awu.

ASCB: 7ASCB

Wɔka sɛ, “Awurade nhunu,Yakob Onyankopɔn ayi nʼani.”

ASCB: 8ASCB

Monhwɛ yie, mo agyimifoɔ a mowɔ nnipa no mu;nkwaseafoɔ, da bɛn na mobɛhunu nyansa?

ASCB: 9ASCB

Deɛ ɔbɔɔ aso no, ɔrente asɛm anaa?Deɛ ɔyɛɛ ani no, ɔrenhunu adeɛ anaa?

ASCB: 10ASCB

Deɛ ɔtenetene aman so no rentwe aso anaa?Deɛ ɔkyerɛkyerɛ onipa no nnim nyansa anaa?

ASCB: 11ASCB

Awurade nim onipa nsusuiɛ;ɔnim sɛ ɛnkɔsi hwee.

ASCB: 12ASCB

Ao Awurade, nhyira ne onipa a wotenetene ne so,onipa a wokyerɛ no wo mmara no;

ASCB: 13ASCB

Woma wɔn ɔhome firi amanehunu nna mu,kɔsi sɛ wɔbɛtu amena ama amumuyɛfoɔ.

ASCB: 14ASCB

Awurade rempo ne nkurɔfoɔ;na ɔrennya nʼagyapadeɛ hɔ da.

ASCB: 15ASCB

Atemmuo bɛgyina teneneeyɛ so bio,na wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa bɛdi so.

ASCB: 16ASCB

Hwan na ɔbɛsɔre atia amumuyɛfoɔ ama me?Hwan na ɔbɛsɔre atia abɔnefoɔ ama me?

ASCB: 17ASCB

Sɛ Awurade ammoa me a,anka mekɔɔ owuo kommyɛ mu ntɛm so.

ASCB: 18ASCB

Ɛberɛ a mekaa sɛ, “Menan rewatiri” no,Ao Awurade, wo dɔ no sɔɔ me mu.

ASCB: 19ASCB

Ɛberɛ a me dadwene dɔɔso no,wʼawerɛkyekye maa me kra abotɔyam.

ASCB: 20ASCB

Ɔhene a porɔeɛ ahyɛ no ma no ne wo wɔ ayɔnkofa anaa?Wʼani gye ahennie a ɛde amanehunu ba ho anaa?

ASCB: 21ASCB

Awudifoɔ bɔ mu tia ateneneefoɔna wɔn a wɔdi bem no, wɔbu wɔn kumfɔ.

ASCB: 22ASCB

Nanso Awurade yɛ mʼaban;na me Onyankopɔn ayɛ ɔbotan a ne mu na menya ahintaeɛ.

ASCB: 23ASCB

Ɔbɛtua wɔn nnebɔne no so kana wɔn amumuyɛ enti, wasɛe wɔn; Awurade yɛn Onyankopɔn bɛsɛe wɔn.