Scripture
Nnwom 93
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 93 Bible text
ASCB: 1ASCB
Awurade di ɔhene, wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ no;wɔde tumi ahentadeɛ ahyɛ Awuradena wɔde ahoɔden ayɛ nʼakodeɛ.Wɔde ewiase atim hɔ pintinn;na wɔrentumi ntutu.
ASCB: 3ASCB
Ao Awurade, ɛpo ama wɔn ho so,ɛpo ama wɔn nne so;ɛpo ama wɔn asorɔkye a ɛbɔ denden no so.
ASCB: 4ASCB
Woyɛ deɛ ɔwɔ tumi sene nsuo akɛseɛ aprannaa,deɛ ɔwɔ tumi sene ɛpo nworosoɔ. Awurade a ɔte ɔsoro no yɛ kɛseɛ.