Skip to main content

Scripture

Nnwom 92

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 92 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɛyɛ sɛ wɔkamfo wo Awuradena wɔto dwom de hyɛ wo animuonyam, Ao Ɔsorosoroni,

ASCB: 2ASCB

na wɔpae mu ka wʼadɔeɛ anɔpane wo nokorɛ anadwo,

ASCB: 3ASCB

wɔ ahoma edu sankuo sone sankuten nnwom mu.

ASCB: 4ASCB

Ao Awurade, wo nneyɛɛ ma mʼani gye;mede anigyeɛ bɛto dwom, wo nsa ano nnwuma enti.

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade, wo nnwuma yɛ akɛseɛ,na wo nyansa mu dɔ!

ASCB: 6ASCB

Ogyimifoɔ nnimna nkwaseafoɔ nte aseɛ,

ASCB: 7ASCB

amumuyɛfoɔ bɛnyini sɛ ɛserɛna abɔnefoɔ bɛyɛ frɔmfrɔm deɛ,nanso wɔbɛsɛe wɔn pasaa.

ASCB: 8ASCB

Na wo Awurade, woyɛ kɛseɛ afebɔɔ.

ASCB: 9ASCB

Ao Awurade ampa ara,wʼatamfoɔ bɛyera;na wobɛhwete abɔnefoɔ nyinaa.

ASCB: 10ASCB

Woama me ahoɔden te sɛ ɛkoɔ;woahwie ngohwam papa agu me so.

ASCB: 11ASCB

Mahunu mʼatamfoɔ nkoguo a wɔadi,mate sɛdeɛ mʼatamfoɔ atirimuɔdenfoɔ adwane afiri akono.

ASCB: 12ASCB

Ateneneefoɔ bɛyɛ frɔmm te sɛ abedua,wɔbɛnyini sɛ Lebanon ntweneduro;

ASCB: 13ASCB

deɛ wɔadua wɔ Awurade fie,wɔbɛnyini frɔmfrɔm wɔ yɛn Onyankopɔn adihɔ hɔ.

ASCB: 14ASCB

Wɔbɛkɔ so aso aba, onyinkyerɛ mu mpo,wɔbɛyɛ frɔmm sɛ ahahammono,

ASCB: 15ASCB

de akyerɛ sɛ, “Awurade yɛ ɔteneneeni;ɔyɛ me botan, na atirimuɔdensɛm biara nni ne mu.”