Skip to main content

Scripture

Nnwom 91

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 91 Bible text

ASCB: 1ASCB

Deɛ ɔte Ɔsorosoroni no hintabeabɛhome wɔ Otumfoɔ no nwunu mu.

ASCB: 2ASCB

Mɛse Awurade sɛ, “Woyɛ me dwanekɔbea ne mʼabankɛseɛ,me Onyankopɔn a mewɔ wo mu ahotosoɔ.”

ASCB: 3ASCB

Ampa ara, ɔbɛgye wo afiri fidisumfoɔ afidie mune owuyadeɛ mu.

ASCB: 4ASCB

Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;na ne ntaban ase na wobɛnya dwanekɔbea;ne nokorɛ bɛyɛ wo banbɔ ne wo kyɛm.

ASCB: 5ASCB

Worensuro anadwo mu ahunahuna,anaa bɛmma a ɛtu awia,

ASCB: 6ASCB

anaa owuyadeɛ a ɛba esum mu,anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe owigyinaeɛ.

ASCB: 7ASCB

Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,na ɔpedu bɛtotɔ wo nifa,nanso, wo deɛ, ɛrenka wo.

ASCB: 8ASCB

Wʼani nko ara na wode bɛhwɛna woahunu nnebɔneyɛfoɔ asotwe.

ASCB: 9ASCB

Sɛ wode Ɔsorosoroni no yɛ wo tenabea,mpo Awurade a ɔyɛ me dwanekɔbea no a,

ASCB: 10ASCB

ɔhaw biara remma wo so,na amanehunu biara remmɛn wo ntomadan.

ASCB: 11ASCB

Ɛfiri sɛ ɔbɛhyɛ nʼabɔfoɔ a wɔhwɛ wo so noabɛbɔ wo ho ban wʼakwan nyinaa mu;

ASCB: 12ASCB

wɔde wɔn nsa bɛpagya wo,na wo nan rensunti ɔboɔ.

ASCB: 13ASCB

Wobɛtiatia agyata ne aprammire so,wobɛnante gyataburuwa ne ɔtweaseɛ so.

ASCB: 14ASCB

Awurade ka sɛ, “Esiane sɛ ɔdɔ me enti, mɛgye no;mɛbɔ ne ho ban, ɛfiri sɛ ɔnim me din.

ASCB: 15ASCB

Ɔbɛfrɛ me, na mɛgye ne so;mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,mɛgye no, na mahyɛ no animuonyam.

ASCB: 16ASCB

Mɛma nkwa nna a ɛware amee nona makyerɛ no me nkwagyeɛ.”