Skip to main content

Scripture

Nnwom 90

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 90 Bible text

ASCB: 1ASCB

Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabeaawoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

ASCB: 2ASCB

Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔanaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no,na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.

ASCB: 3ASCB

Woma adasamma sane dane mfuturo,ka sɛ, “Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu.”

ASCB: 4ASCB

Mfirinhyia apem yɛ wʼani so sɛda koro a abɛsene seesei,anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.

ASCB: 5ASCB

Wopra nnipa kɔ, wɔ owuo nna mu;wɔte sɛ ɛserɛ a afefɛ anɔpa,

ASCB: 6ASCB

ɛfefɛ yɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ,nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.

ASCB: 7ASCB

Yɛresa wɔ wʼabofuo anona wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.

ASCB: 8ASCB

Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim,na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.

ASCB: 9ASCB

Yɛn nna nyinaa twam wɔ wʼabufuhyeɛ mu;na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.

ASCB: 10ASCB

Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,anaasɛ aduɔwɔtwe, sɛ yɛwɔ ahoɔden a;na emu ahohoahoadeɛ yɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu kɔ.

ASCB: 11ASCB

Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi?Wʼabofuhyeɛ yɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.

ASCB: 12ASCB

Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,na yɛanya nyansa akoma.

ASCB: 13ASCB

Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.

ASCB: 14ASCB

Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu,na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.

ASCB: 15ASCB

Ma yɛn ani nnye nna bebree sɛ nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,sɛ mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.

ASCB: 16ASCB

Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛna wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.

ASCB: 17ASCB

Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛnaane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.