Skip to main content

Scripture

Nnwom 89

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 89 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mɛto Awurade adɔeɛ ho dwom daa daa;mede mʼano bɛda wo nokorɛdie adi awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

ASCB: 2ASCB

Mɛka sɛ wʼadɔeɛ no tim hɔ daa nyinaa,na watim wo nokorɛdie wɔ ɔsoro hɔ ankasa.

ASCB: 3ASCB

Wokaa sɛ, “Me ne onipa a mayi no no ayɛ apam;maka ntam akyerɛ me ɔsomfoɔ Dawid.

ASCB: 4ASCB

‘Mɛma wʼase atim hɔ daana wʼahennwa nso atim wɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa mu.’ ”

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade, ɔsorosorofoɔ kamfo wʼanwanwadeɛ,na wo nokorɛdie nso, wɔkamfo wɔ ahotefoɔ asafo mu.

ASCB: 6ASCB

Na hwan na ɔne wo Awurade sɛ wɔ ɔsoro hɔ?Hwan na ɔte sɛ Awurade wɔ ɔsoro abɔdeɛ mu?

ASCB: 7ASCB

Akronkronfoɔ agyinatufoɔ mu, wosuro Onyankopɔn;wɔde suro ma no sene wɔn a wotwa ne ho hyia nyinaa.

ASCB: 8ASCB

Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ woɔ?Ao Awurade woyɛ kɛseɛ na wo nokorɛdie atwa wo ho ahyia.

ASCB: 9ASCB

Wodi ɛpo a ɛreworo soɔ so;nʼasorɔkye bobɔ kɔ ɔsoro a, wobrɛ no ase.

ASCB: 10ASCB

Wodwerɛɛ Rahab sɛ atɔfoɔ no mu baako;wode wo basa denden no bɔɔ wʼatamfoɔ pansameeɛ.

ASCB: 11ASCB

Ɔsoro wɔ wo, na asase nso wɔ wo;ewiase ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa, wo na wohyɛɛ aseɛ.

ASCB: 12ASCB

Wobɔɔ atifi ne anafoɔ.Tabor ne Hermon de ahosɛpɛ to dwom ma wo din.

ASCB: 13ASCB

Tumi ayɛ wo basa ma;wo nsam wɔ ahoɔden, wama wo nsa nifa so.

ASCB: 14ASCB

Wʼahennwa no fapem yɛ tenenee ne atɛntenenee;adɔeɛ ne nokorɛdie di wʼanim.

ASCB: 15ASCB

Nhyira nka wɔn a wɔasua sɛdeɛ wɔbɔ wo abɔdin,wɔn a wɔnante wʼanim hann no mu, Ao Awurade.

ASCB: 16ASCB

Wɔgye wɔn ani wɔ wo din mu da mu nyinaa;wɔdi ahurisie wɔ wo tenenee mu.

ASCB: 17ASCB

Wone wɔn animuonyam ne ahoɔden,na wʼadom enti yɛyɛ nkonimdifoɔ.

ASCB: 18ASCB

Ampa ara, yɛn banbɔ firi Awurade hɔ,na Israel Kronkronni no ama yɛn Ɔhene.

ASCB: 19ASCB

Ɛda bi wokasaa wɔ anisoadehunu mu,kyerɛɛ wʼahotefoɔ sɛ,“Madom ɔkofoni bi ahoɔden;mapagya aberanteɛ bi afiri nnipa no mu.

ASCB: 20ASCB

Mahunu Dawid, me ɔsomfoɔ;mede me ngo kronkron no asra no.

ASCB: 21ASCB

Me nsa bɛwowa no;ampa ara mʼabasa bɛhyɛ no den.

ASCB: 22ASCB

Ɔtamfoɔ biara renhyɛ no sɛ ɔntua toɔ;omumuyɛfoɔ biara rentumi nhyɛ ne so.

ASCB: 23ASCB

Mɛdwerɛ nʼatamfoɔ wɔ nʼanimna mabobɔ nʼahohiahiafoɔ ahwe fam.

ASCB: 24ASCB

Me nokorɛ adɔeɛ bɛka ne ho,na me din mu, wɔbɛma nʼabɛn so.

ASCB: 25ASCB

Mɛtrɛ nʼahyeɛ mu akɔsi ɛpo so,na ɔde ne nsa nifa bɛto nsubɔntene so.

ASCB: 26ASCB

Ɔbɛfrɛ me aka sɛ, ‘Wone mʼagya,me Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan.’

ASCB: 27ASCB

Mɛyɛ no mʼabakan,asase so ahene nyinaa no mu ɔkɛseɛ.

ASCB: 28ASCB

Mɛma mʼadɔeɛ a mewɔ ma no no atena hɔ daa,na apam a me ne no ayɛ nso bɛtena hɔ daa.

ASCB: 29ASCB

Mɛma nʼase atim afebɔɔ,nʼahennwa nso bɛtim hɔ akɔsi sɛ ɔsoro bɛtwam.

ASCB: 30ASCB

“Sɛ ne mmammarima po me mmarana sɛ wɔanni mʼahyɛdeɛ so,

ASCB: 31ASCB

sɛ wɔbu mʼahyɛdeɛ sona sɛ wɔanni me ɔhyɛ nsɛm so a,

ASCB: 32ASCB

ɛno deɛ, mede abaa bɛtwe wɔn aso wɔ wɔn bɔne hona wɔn amumuyɛ nso mede mmaatwa atwe wɔn aso;

ASCB: 33ASCB

Nanso, merennyae mʼadɔeɛ a meyɛ ma noɔ nona mɛkɔ so adi no nokorɛ.

ASCB: 34ASCB

Meremmu mʼapam no sona merensesa deɛ mede mʼano aka no.

ASCB: 35ASCB

Menam me din kronkron no so aka ntam prɛko,na merentwa Dawid atorɔ da.

ASCB: 36ASCB

Meremma nʼase ntɔre dana nʼahennwa nso bɛtim wɔ mʼanim te sɛ owia;

ASCB: 37ASCB

ɛbɛtim hɔ daa te sɛ ɔsrane,ɔdansefoɔ nokwafoɔ a ɔwɔ ewiem no.”

ASCB: 38ASCB

Nanso woapo no, woapa nʼakyiwo bo afu deɛ woasra no ngo no.

ASCB: 39ASCB

Woagu apam a wo ne wo ɔsomfoɔ pameeɛ nowoagu nʼahenkyɛ ho fi wɔ mfuturo mu.

ASCB: 40ASCB

Woabubu nʼafasuo nyinaaama nʼabandenden adane mmubuiɛ.

ASCB: 41ASCB

Wɔn a wɔtwam wɔ hɔ nyinaa fom no fa;na wayɛ aniwudeɛ ama ne mfɛfoɔ.

ASCB: 42ASCB

Woama nʼatamfoɔ nsa nifa so;ama wɔn nyinaa di ahurisie.

ASCB: 43ASCB

Woama nʼakofena ayɛ ɔkwa,na woannyina nʼakyi wɔ ɔko mu.

ASCB: 44ASCB

Wode nʼanimuonyam aba awieeɛna woato nʼahennwa atwene fam.

ASCB: 45ASCB

Woatwa ne mmeranteberɛ nna sona wode animguaseɛ ngugusoɔ akata ne so.

ASCB: 46ASCB

Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wode wo ho bɛhinta afebɔɔ anaa?Wʼabofuhyeɛ bɛkɔ so adɛre akɔsi da bɛn?

ASCB: 47ASCB

Kae sɛdeɛ me nkwa nna twam ntɛm so.Ɛfiri sɛ woabɔ yɛn nyinaa sɛ adeɛ a ɛtwa mu ntɛm so!

ASCB: 48ASCB

Hwan na ɔbɛtena ase a ɔrenwu da?Anaasɛ hwan na ɔbɛtumi agye ne ho afiri owuo tumi nsam?

ASCB: 49ASCB

Ao Awurade, ɛhe na wo tete adɔeɛ kɛseɛ no wɔ,deɛ wofiri wo nokorɛdie mu de kaa ntam kyerɛɛ Dawid no?

ASCB: 50ASCB

Awurade kae sɛdeɛ wɔadi wo ɔsomfoɔ ho fɛne sɛdeɛ manya akoma ama amanaman no akutiabɔ.

ASCB: 51ASCB

Ao Awurade, akutiabɔ a wʼatamfoɔ de adi fɛw,de adi deɛ woasra no ngo no anammɔntuo biara ho fɛw.

ASCB: 52ASCB

Ayɛyie nka Awurade daa!Amen, Amen.