Skip to main content

Scripture

Nnwom 88

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 88 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔnmesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.

ASCB: 2ASCB

Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim;brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

ASCB: 3ASCB

Ɔhaw ahyɛ me kra mana me nkwa rebɛn owuo.

ASCB: 4ASCB

Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu;mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

ASCB: 5ASCB

Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu,te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu,wɔn a wonkae wɔn bio,na wonhwɛ wɔn bio.

ASCB: 6ASCB

Woato me atwene damena ase tɔnn,wɔ esum kabii mu.

ASCB: 7ASCB

Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so;woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

ASCB: 8ASCB

Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛnwoama me ho ayɛ wɔn ahi.Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;

ASCB: 9ASCB

awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu.Ao Awurade mesu frɛ wo da biara;metrɛ me nsam kyerɛ wo.

ASCB: 10ASCB

Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa?Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?

ASCB: 11ASCB

Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa,anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?

ASCB: 12ASCB

Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum,anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?

ASCB: 13ASCB

Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me;me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu

ASCB: 14ASCB

Ao Awurade, adɛn nti na wopo mena wode wʼanim hinta me?

ASCB: 15ASCB

Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo;wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.

ASCB: 16ASCB

Wʼabofuhyeɛ abu afa me so;wʼahunahuna asɛe me.

ASCB: 17ASCB

Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire,na wɔabu afa me so koraa.

ASCB: 18ASCB

Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ;na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.