Skip to main content

Scripture

Nnwom 85

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 85 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade wohunuu wʼasase mmɔbɔ;wode Yakob ahonyadeɛ sane maa no.

ASCB: 2ASCB

Wode wo nkurɔfoɔ bɔne kyɛɛ wɔnna wokataa wɔn nnebɔne nyinaa so.

ASCB: 3ASCB

Wode wʼabofuo too nkyɛnna wodane firii wʼabufuhyeɛ ho.

ASCB: 4ASCB

Sane gye yɛn bio, Ao Onyankopɔn, yɛn Gyefoɔ,na ma wʼani nnye yɛn ho.

ASCB: 5ASCB

Wo bo bɛfu yɛn akɔsi daa anaa?Wʼabofuo bɛtoa so akɔ awoɔ ntoantoasoɔ nyinaa so anaa?

ASCB: 6ASCB

Worenhyɛ yɛn den bio,na ama wo nkurɔfoɔ asɛpɛ wɔn ho wɔ wo mu anaa?

ASCB: 7ASCB

Ao Awurade, kyerɛ yɛn wo dɔ a ɛnsa da no,na ma yɛn wo nkwagyeɛ no.

ASCB: 8ASCB

Mɛtie deɛ Awurade Onyankopɔn bɛka.Ɔde asomdwoeɛ hyɛ ne nkurɔfoɔ, ahotefoɔ no bɔ,enti ɛnsɛ sɛ wɔsane kɔ agyimisɛm ho.

ASCB: 9ASCB

Ampa ara, ne nkwagyeɛ bɛne wɔn a wɔsuro no,na nʼanimuonyam bɛtena yɛn asase so.

ASCB: 10ASCB

Ɔdɔ ne nokorɛdie bɛhyia,na tenenee ne asomdwoeɛ bɛfe wɔn ho wɔn ho ano.

ASCB: 11ASCB

Nokorɛdie bɛpue afiri asase no so,na tenenee ahwɛ afiri soro.

ASCB: 12ASCB

Awurade bɛma yɛn deɛ ɛyɛ ampa arana yɛn asase bɛma ne nnɔbaeɛ.

ASCB: 13ASCB

Tenenee di nʼanimsiesie ɛkwan ma nʼanammɔntuo.