Scripture
Nnwom 84
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 84 Bible text
Me kra pere, mpo ɛtɔ piti,sɛ ɔbɛkɔ Awurade adihɔ;mʼakoma ne me honam teamfrɛ Onyankopɔn ɔteasefoɔ.
Mpo akasanoma anya fie,na asomfena nso anwono ne pirebuo,baabi a ɔbɛhwane ne mmawɔ beaeɛ bi a ɛbɛn wʼafɔrebukyia,Ao Asafo Awurade, me Ɔhene ne me Onyankopɔn.
Sɛ wɔfa Baka Bɔnhwa no mu a,wɔma hɔ yɛ nsuwansuwa;osutɔberɛ nsuo nso de nhyira pii kata asase no so.
Wʼadihɔ hɔ da korɔ tenayɛ sene nnafua apem wɔ baabi foforɔ;mepɛ sɛ mɛyɛ ɔpono ano hwɛfoɔ wɔ Onyankopɔn fiesene sɛ mɛtena amumuyɛfoɔ ntomadan mu.
Ɛfiri sɛ Awurade Onyankopɔn yɛ owia ne ɛkyɛm; Awurade hunu mmɔbɔ na ɔhyɛ animuonyam;ɔremfa ade pa biara nkamewɔn a wɔteneɛ.