Skip to main content

Scripture

Nnwom 86

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 86 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, tie me na gye me so,ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

ASCB: 2ASCB

Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo.Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa aɔde ne ho to wo so.

ASCB: 3ASCB

Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ,na mesu frɛ wo daa nyinaa.

ASCB: 4ASCB

Ma wʼakoa ani nnye,na wo Awurade, wo nkyɛnna mema me kra so ba.

ASCB: 5ASCB

Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ,wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.

ASCB: 6ASCB

Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ;tie me mmɔborɔ su.

ASCB: 7ASCB

Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,na wobɛgye me so.

ASCB: 8ASCB

Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.

ASCB: 9ASCB

Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaabɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.

ASCB: 10ASCB

Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;wo nko ara ne Onyankopɔn.

ASCB: 11ASCB

Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,na mɛnante wo nokorɛ mu;ma memfa mʼakoma nyinaa mma wona masuro wo din.

ASCB: 12ASCB

Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔnna mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.

ASCB: 13ASCB

Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.

ASCB: 14ASCB

Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

ASCB: 15ASCB

Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.

ASCB: 16ASCB

Dane wʼani hwɛ me na dom me;fa wʼahoɔden ma wʼakoana gye wʼafenaa babarima nkwa.

ASCB: 17ASCB

Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ,na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu asena wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.