Scripture
Nnwom 79
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 79 Bible text
Ao Onyankopɔn, amanaman no ato ahyɛ wʼagyapadeɛ so;wɔagu wʼasɔredan kronkron no ho fi,wɔama Yerusalem adane mmubuiɛ.
Wɔde wʼasomfoɔ afunu ayɛ aduaneama ewiem nnomaa,na wɔde wʼahotefoɔ ɛnam ama asase so mmoa.
Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn? Wo bo bɛfu afebɔɔ anaa?Wo ninkunu bɛdɛre sɛ ogya akɔsi da bɛn?
Mfa yɛn agyanom bɔne so asotwe mma yɛn;ma wo mmɔborɔhunu mmra yɛn so ntɛm,na yɛwɔ ahohiahia mu.
Ao Onyankopɔn yɛn Agyenkwa, boa yɛn,wo din no animuonyam nti;gye yɛn na fa yɛn bɔne kyɛ yɛnwo din enti.
Adɛn enti na ɛsɛ sɛ amanaman ka sɛ,“Wɔn Onyankopɔn wɔ he?”Yɛn anim ha ara, ma wɔnhunu wɔ amanaman mu sɛwotɔ wʼasomfoɔ mogya a wɔahwie agu no so werɛ.
Ma nneduafoɔ no apinisie nnuru wʼanim;fa wo basa ahoɔden nokora wɔn a wɔabu wɔn kumfɔ no.
Na yɛn a yɛyɛ wo nkurɔfoɔ, wʼadidibea nnwan no,bɛyi wo ayɛ daa nyinaa;ɛfiri awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi awoɔ ntoatoasoɔyɛbɛkɔ so aka wʼayɛyie akyerɛ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “Sonannim Edut” sankuo nne so.