Skip to main content

Scripture

Nnwom 80

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 80 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Israel dwanhwɛfoɔ, tie yɛn,wo a wodii Yosef anim sɛdeɛ wɔdi nnwankuo anim;wo a wote ahennwa so wɔ Kerubim ntam no, hyerɛn

ASCB: 2ASCB

wɔ Efraim, Benyamin ne Manase anim.Kanyane wo tumi;bra bɛgye yɛn nkwa.

ASCB: 3ASCB

Ao Onyankopɔn, gye yɛn bio;ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.

ASCB: 4ASCB

Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn,wʼabofuo bɛdɛre akɔsi da bɛnwʼabofuo a ɛtia wo nkurɔfoɔ mpaeɛbɔ no?

ASCB: 5ASCB

Wode nisuo yɛɛ aduane maa wɔn diiɛ;wode nisuo kuruwa ma ma wɔnomeeɛ.

ASCB: 6ASCB

Woama yɛn mfɛfoɔ abu yɛn animtiaa,na yɛn atamfoɔ sere yɛn.

ASCB: 7ASCB

Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, gye yɛn bio;ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.

ASCB: 8ASCB

Wode bobe firi Misraim baeɛ;wopamoo amanaman no na woduaaɛ.

ASCB: 9ASCB

Wosiesiee asase no baabi maa no,ɛgyee nhini na ɛtrɛɛ asase no so.

ASCB: 10ASCB

Ne nwunu kataa mmepɔ no sone mman kataa ntweneduro akɛseɛ no so.

ASCB: 11ASCB

Ɛdendanee kɔɔ Ɛpo so,na ɛfefɛ kɔduruu Asubɔnten no ho.

ASCB: 12ASCB

Adɛn enti na woabubu nʼafasuoama wɔn a wɔtwam hɔ tete ne bobe aba no?

ASCB: 13ASCB

Kɔkɔte firi wiram bɛsɛe no pasaana mmoadoma a ɛwɔ ɛserɛ so de yɛ wɔn aduane.

ASCB: 14ASCB

Ao Otumfoɔ Onyankopɔn, sane bra yɛn nkyɛn!Firi soro hɔ hwɛ na wobɛhunu!Hwɛ saa bobe yi so,

ASCB: 15ASCB

ntini a wo nsa nifa adua no,ɔbabarima a woatete no ama wo ho no.

ASCB: 16ASCB

Wɔatwa wo bobe no ato fam, ato mu ogya ama ahye;wʼanimka ma wo nkurɔfoɔ ase tɔre.

ASCB: 17ASCB

Fa wo nsa kata ɔbarima a ɔwɔ wo nifa no so,onipa ba a woatete no ama wo ho no.

ASCB: 18ASCB

Afei yɛrentwe yɛn ho mfiri wo nkyɛn;kanyane yɛn, na yɛbɛbɔ wo din.

ASCB: 19ASCB

Ao Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn, gye yɛn bio,na ma wʼanim nhyerɛn yɛn so,na wɔagye yɛn nkwa.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto sɛ “gittit” sankuo nne so.