Skip to main content

Scripture

Nnwom 78

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 78 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao me nkurɔfoɔ, montie me nkyerɛkyerɛ;monyɛ aso mma mʼanomu nsɛm.

ASCB: 2ASCB

Mɛkasa wɔ abɛbuo mu,mɛka ahintasɛm, teteete nneɛma no,

ASCB: 3ASCB

nneɛma a yɛate na yɛahunu;nneɛma a yɛn agyanom aka ho asɛm akyerɛ yɛn.

ASCB: 4ASCB

Yɛremfa nkame wɔn mma;yɛbɛka akyerɛ nkyirimma; Awurade nneyɛɛ a ɛfata nkamfo no,ne tumi ne anwanwadeɛ a wayɛ no.

ASCB: 5ASCB

Ɔyɛɛ ahyɛdeɛ maa Yakobna ɔyɛɛ mmara wɔ Israel,deɛ ɔhyɛɛ yɛn nananomsɛ wɔnkyerɛ wɔn mma,

ASCB: 6ASCB

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nkyirimma bɛsuampo mmɔfra a wɔnnya nwoo wɔn,na wɔn nso akyerɛkyerɛ wɔn mma.

ASCB: 7ASCB

Afei wɔde wɔn ho bɛto Onyankopɔn so,na wɔn werɛ remfiri ne nneyɛɛ,na wɔbɛdi nʼahyɛdeɛ so.

ASCB: 8ASCB

Wɔrenyɛ sɛ wɔn nananom,a na wɔyɛ asoɔdenfoɔ ne atuatefoɔ,wɔn a wɔn akoma mu wɔnni Onyankopɔn nokorɛna woyɛ honhom mu atorofoɔ ma noɔ no.

ASCB: 9ASCB

Ɛwom sɛ na Efraim mmarima kurakura agyan,nanso ɔko da no, wɔdwaneeɛ;

ASCB: 10ASCB

Wɔanni Onyankopɔn apam no sowɔampɛ sɛ wɔdi ne mmara no so.

ASCB: 11ASCB

Wɔn werɛ firii deɛ wayɛ,anwanwadeɛ a wayɛ akyerɛ wɔn no.

ASCB: 12ASCB

Ɔyɛɛ anwanwadeɛ wɔ wɔn nananom animwɔ Soan mantam a ɛwɔ Misraim asase so.

ASCB: 13ASCB

Ɔkyɛɛ ɛpo mu na ɔde wɔn faa mu.Ɔmaa nsuo no gyinaa sɛ afasuo.

ASCB: 14ASCB

Ɔde omununkum dii wɔn anim awiana ɔde ogyadum dii wɔn anim anadwo nyinaa.

ASCB: 15ASCB

Ɔpaee ɔbotan mu wɔ ɛserɛ so,na ɔmaa wɔn nsuo a ɛdɔɔso sɛ ɛpo;

ASCB: 16ASCB

Ɔmaa asutire firii abotan muna ɔmaa nsuo tenee sɛ nsubɔntene.

ASCB: 17ASCB

Nanso, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne tiaa no,wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no wɔ ɛserɛ no so.

ASCB: 18ASCB

Wɔboapa sɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ;wɔbisaa aduane a wɔpɛ.

ASCB: 19ASCB

Wɔkasa tiaa Onyankopɔn sɛ,“Onyankopɔn bɛtumi ato ɛpono wɔ ɛserɛ so anaa?

ASCB: 20ASCB

Ɔde adeɛ bɔɔ ɔbotan mu no, nsuo to firi mu baeɛ,na nsuwa bebree tenee hɔ.Na ɔbɛtumi ama yɛn aduane nso?Ɔbɛtumi ama ne nkurɔfoɔ ɛnam anaa?”

ASCB: 21ASCB

Ɛberɛ a Awurade tee deɛ wɔreka no, ne bo fuu yie;ne ogya bɛguu Yakob so,na nʼabufuhyeɛ sɔre tiaa Israel,

ASCB: 22ASCB

ɛfiri sɛ, na wɔnni Onyankopɔn mu gyidieanaasɛ ne nkwagyeɛ mu ahotosoɔ.

ASCB: 23ASCB

Nanso, ɔkasa kyerɛɛ ɔsoro ɔhyɛ so;na ɔbuee ɔsorosoro apono.

ASCB: 24ASCB

Ɔtɔɔ mana firi soro maa nnipa no sɛ wonni,ɔmaa wɔn ɔsoro aduane.

ASCB: 25ASCB

Nnipa dii abɔfoɔ aduane;ɔmaa wɔn aduane a wɔbɛtumi adi nyinaa.

ASCB: 26ASCB

Ɔmaa apueeɛ mframa bɔ firii sorosoro,na ɔde ne tumi bɔɔ atɔeɛ mframa.

ASCB: 27ASCB

Ɔtoo ɛnam sɛ mfuturo guu wɔn so,nnomaa a wɔtu bebree sɛ mpoano anwea.

ASCB: 28ASCB

Ɔma wɔbaa fam kɔɔ wɔn atenaeɛ,ne wɔn ntomadan ho nyinaa.

ASCB: 29ASCB

Wɔdidi maa aduane no boroo wɔn soɛfiri sɛ ɔmaa wɔn deɛ wɔhwehwɛ.

ASCB: 30ASCB

Nanso ansa na wɔbɛfiri aduane a wɔhwehwɛeɛ no ho,ɛberɛ a ɛhyehyɛ wɔn anomu mpo no,

ASCB: 31ASCB

Onyankopɔn abufuo sɔree wɔn so;ɔkum ahoɔdenfoɔ a wɔwɔ wɔn mutwitwaa Israel mmeranteɛ guiɛ.

ASCB: 32ASCB

Yeinom nyinaa akyi, wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne;nʼanwanwadeɛ akyi no, wɔannye anni.

ASCB: 33ASCB

Enti, ɔtwaa wɔn nna so te sɛ ahuroyɛɛ wɔn mfeɛ awieeɛ huhuuhu.

ASCB: 34ASCB

Ɛberɛ biara a Onyankopɔn bɛkum wɔn no, wɔhwehwɛɛ no,na wɔpere wɔn ho sane baa ne nkyɛn.

ASCB: 35ASCB

Wɔkaee sɛ Onyankopɔn yɛ wɔn botan,sɛ Ɔsorosoro Onyankopɔn no yɛ wɔn Gyefoɔ.

ASCB: 36ASCB

Nanso, wɔde wɔn ano bɛdaadaa no,na wɔde wɔn tɛkrɛma twaa atorɔ kyerɛɛ no;

ASCB: 37ASCB

wɔn akoma anni no nokorɛ,na wɔanni nʼapam no so.

ASCB: 38ASCB

Nanso na ɔyɛ ahummɔborɔ;ɔde wɔn amumuyɛ kyɛɛ wɔna wansɛe wɔn.Mpɛn bebree ɔtwentwɛnee nʼabufuo sona wanhwie nʼabufuhyeɛ nyinaa.

ASCB: 39ASCB

Ɔkaee sɛ wɔyɛ ɔhonam ara kwa,mframa bi a ɛbɔ twam na ɛnsane nʼakyi.

ASCB: 40ASCB

Mpɛn ahe na wɔansɔre antia no wɔ ɛserɛ no so hɔ,na mpɛn ahe na wɔamma ne werɛ anho wɔ asase wesee no so?

ASCB: 41ASCB

Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛ ɛberɛ biara;na wɔyii Israel Ɔkronkronni no abufuo.

ASCB: 42ASCB

Wɔn werɛ firii ne tumi no,ɛda a ɔgyee wɔn firii wɔn nhyɛsofoɔ nsam no,

ASCB: 43ASCB

ɛda a ɔyɛɛ nsɛnkyerɛnneɛ nwanwasoɔ wɔ Misraim none nʼanwanwadeɛ wɔ Soan mantam mu no.

ASCB: 44ASCB

Ɔmaa wɔn nsubɔntene danee mogya;wɔantumi annom wɔn asutene mu nsuo.

ASCB: 45ASCB

Ɔmaa nwansenadɔm baa wɔn so bɛhaa wɔnna mponkyerɛne nso bɛsɛee wɔn asase.

ASCB: 46ASCB

Ɔmaa mmɛbɛ bɛdii wɔn mfuo so aduanena ɔde wɔn mfudeɛ nso maa ntutummɛ.

ASCB: 47ASCB

Ɔde asukɔtweaa sɛee wɔn bobena ɔde nsukyeneeɛ sɛee wɔn ankye nnua.

ASCB: 48ASCB

Ɔde sukyerɛmma kumm wɔn anantwieɔde anyinam kumm wɔn nyɛmmoa.

ASCB: 49ASCB

Ɔhwiee nʼabufuhyeɛ guu wɔn so,abufuo, anibereɛ ne ahohia;abɔfoɔ asɛefoɔ kuo no.

ASCB: 50ASCB

Ɔbɔɔ ɛkwan maa nʼabufuo;na wamfa wɔn nkwa ankyɛre wɔnmmom ɔde wɔn maa ɔyaredɔm.

ASCB: 51ASCB

Ɔkunkumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa,Ham ntomadan mu nnipa mu abakan.

ASCB: 52ASCB

Nanso ɔyii ne nkurɔfoɔ firii mu sɛ nnwankuo;ɔdii wɔn anim sɛ nnwan wɔ ɛserɛ no so.

ASCB: 53ASCB

Ɔdii wɔn anim dwoodwoo, enti wɔansuro;nanso wɔn atamfoɔ deɛ, ɛpo asorɔkye bu faa wɔn so.

ASCB: 54ASCB

Sei na ɔyɛ de wɔn baa nʼasase kronkron no ahyeɛ so,bepɔ asase a ɔde ne nsa nifa gyeeɛ no.

ASCB: 55ASCB

Ɔpamoo amanaman a wɔwɔ wɔn anim nona ɔkyekyɛɛ wɔn nsase no mu maa wɔn sɛ wɔn agyapadeɛ;ɔbɔɔ Israel mmusuakuo no atenaseɛ wɔ wɔn afie mu.

ASCB: 56ASCB

Nanso wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛeɛna wɔsɔre tiaa Ɔsorosoroni no;na wɔanni ne mmara so.

ASCB: 57ASCB

Wɔyɛɛ sɛ wɔn agyanom, wɔanni nokorɛ na wɔannya gyidie,ahotosoɔ nni wɔn mu, na wɔte sɛ agyan a asɛe.

ASCB: 58ASCB

Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea hyɛɛ no abufuona wɔn ahoni maa ne ninkuntwe mu yɛɛ den.

ASCB: 59ASCB

Onyankopɔn tee wɔn nka no, ne bo fuiɛ;na ɔpoo Israel korakora.

ASCB: 60ASCB

Ɔgyaa nʼatenaeɛ a ɛwɔ Silo no hɔntomadan a wasi wɔ nnipa mu no.

ASCB: 61ASCB

Ɔde Apam Adaka a ɛyɛ ne tumi no kɔɔ nnommumfa mu,nʼanimuonyam kɔɔ atamfoɔ nsam.

ASCB: 62ASCB

Ɔde ne nkurɔfoɔ maa akofena;ne bo fuu nʼagyapadeɛ yie.

ASCB: 63ASCB

Egya hyee wɔn mmeranteɛ kumm wɔn,na wɔn mmabaawa annya ayeforɔhyia dwom anto;

ASCB: 64ASCB

Wɔn asɔfoɔ wuwuu akofena ano,na wɔn akunafoɔ antumi ansu.

ASCB: 65ASCB

Afei Awurade sɔree sɛdeɛ ɔfiri nna mu no,sɛdeɛ ɔbarima a waboro nsã nyane firi nnahɔɔ mu no.

ASCB: 66ASCB

Ɔbobɔɔ nʼatamfoɔ ma wɔdwane kɔɔ wɔn akyi;ɔhyɛɛ wɔn aniwuo afebɔɔ.

ASCB: 67ASCB

Afei ɔpoo Yosef ntomadan no,na wamfa Efraim abusuakuo no nso;

ASCB: 68ASCB

Na mmom, ɔfaa Yuda abusuakuo no,Bepɔ Sion a ɔdɔ noɔ no.

ASCB: 69ASCB

Ɔsii ne kronkronbea te sɛ sorɔnsorɔmmea,te sɛ asase a ɛtim hɔ daa.

ASCB: 70ASCB

Ɔyii ne ɔsomfoɔ Dawid;ɔfrɛɛ no firii nnwammuo mu

ASCB: 71ASCB

firii nnwan akyiridie, na ɔde no baeɛsɛ ɔmmɛyɛ odwanhwɛfoɔ mma ne nkurɔfoɔ Yakob,mma Israel a wɔyɛ nʼagyapadeɛ.

ASCB: 72ASCB

Na Dawid de akoma pa hwɛɛ wɔn sona ɔde ne nimdeɛ dii wɔn anim.