Skip to main content

Scripture

Nnwom 74

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 74 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, adɛn enti na woapo yɛn koraa yi?Adɛn enti na wʼabofuo hye wʼadidibea nnwan?

ASCB: 2ASCB

Kae nkurɔfoɔ a wotɔɔ wɔn teteete no,abusua a ɛyɛ wʼagyapadeɛ a wogyee wɔn no,Bepɔ Sion, baabi a woteɛ hɔ.

ASCB: 3ASCB

Dane wo ho kyerɛ mmubuiɛ a ɛda so wɔ hɔ yi so,saa ɔsɛeɛ a ɔtamfoɔ no de abrɛ wo kronkronbea no.

ASCB: 4ASCB

Wʼatamfoɔ bobɔɔ mu wɔ baabi a wohyiaa yɛn no;wɔasisi wɔn mfrankaa sɛ agyiraeɛhyɛdeɛ wɔ hɔ.

ASCB: 5ASCB

Wɔyɛɛ wɔn sɛ nnipa a wɔrehwim mmonnuade abubu nnua a ayɛ nkyɛkyerɛ.

ASCB: 6ASCB

Wɔde wɔn mmonnua ne nnamebubuu nnua a wɔasene adi ho adwinneɛ no.

ASCB: 7ASCB

Wɔhyee wo kronkronbea no dwerɛbee;wɔguu baabi a wo Din teɛ no ho fi.

ASCB: 8ASCB

Wɔkaa wɔ wɔn akoma mu sɛ, “Yɛbɛtiatia wɔn so ayɛ wɔn pasaa!”Wɔhyee baabiara a wɔsom Onyankopɔn wɔ asase no so.

ASCB: 9ASCB

Yɛnhunu wo nsɛnkyerɛnneɛ a ɛyɛ nwanwa biara bio;adiyifoɔ no nyinaa asa,na yɛn mu biara nnim nna dodoɔ a ɛbɛdie.

ASCB: 10ASCB

Ao Onyankopɔn, wʼatamfoɔ bɛsere wo akɔsi da bɛn?Wɔn a wɔkyiri woɔ no bɛgu wo din ho fi daa anaa?

ASCB: 11ASCB

Adɛn enti na woatwe wo nsa, wo nsa nifa no?Yi firi wʼatadeɛ mmobɔeɛ no mu na sɛe wɔn.

ASCB: 12ASCB

Nanso, Ao Onyankopɔn, woyɛ me ɔhene firi tete;wode nkwagyeɛ ba asase so.

ASCB: 13ASCB

Ɛyɛ wo na wode wo tumi paee ɛpo mu no;wopɛkyɛɛ nsuo mu ɔtweaseɛ no ti.

ASCB: 14ASCB

Wopɛkyɛɛ Lewiatan no tina wode no maa ɛserɛ so abɔdeɛ sɛ wɔn aduane.

ASCB: 15ASCB

Wo na womaa nsuwa ne nsutire tueeɛ;na womaa nsubɔntene a ɛtene weweeɛ.

ASCB: 16ASCB

Adekyeeɛ wɔ wo na adesaeɛ nso yɛ wo dea;wode owia ne ɔsrane sisii hɔ.

ASCB: 17ASCB

Ɛyɛ wo na wototoo asase so ahyeɛ nyinaa;wobɔɔ ahuhuro ne awɔ mmerɛ.

ASCB: 18ASCB

Ao Awurade, kae sɛdeɛ ɔtamfoɔ no sere woɔ,sɛdeɛ nkwaseafoɔ agu wo din ho fi.

ASCB: 19ASCB

Mfa wʼaborɔnoma nkwa mma nkekaboa;mma wo werɛ mfiri wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no nkwa afebɔɔ.

ASCB: 20ASCB

Ma wʼapam no ho nhia wo,ɛfiri sɛ akakabensɛm ahyɛ asase no so sum ma.

ASCB: 21ASCB

Mma wɔn a wɔahyɛ wɔn soɔ no anim nngu ase;ma ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ nkamfo wo din.

ASCB: 22ASCB

Ao Onyankopɔn, ma wo ho so na ka wo ara wʼasɛm;kae sɛdeɛ nkwaseafoɔ sere wo da mu nyinaa.

ASCB: 23ASCB

Mmu wʼani ngu wɔn a wɔsɔre tia wo no nteateam so,wʼatamfoɔ gyegyeegye a ɛkɔ soro daa no.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔnto no sɛdeɛ wɔto “Nsɛe No” nne so.