Skip to main content

Scripture

Nnwom 73

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 73 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ampa ara Onyankopɔn yɛ ma Israel,ɔyɛ ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ.

ASCB: 2ASCB

Nanso me deɛ, anka me nan reyɛ awatiri;anka merehwere me nnyinasoɔ,

ASCB: 3ASCB

ɛfiri sɛ, mʼani beree ahantanfoɔɛberɛ a mehunuu amumuyɛfoɔ yiedie no.

ASCB: 4ASCB

Wɔnhunuu ahokyere da;na wɔwɔ ahoɔden ne apɔmuden.

ASCB: 5ASCB

Dadwene a ɛtaa ba nnipa soɔ biara nna wɔn so;ɔdasani haw biara nna wɔn so.

ASCB: 6ASCB

Enti, ahantan yɛ wɔn kɔnmuadeɛ,na wɔde akakabensɛm afira.

ASCB: 7ASCB

Wɔn akoma a apirim no mu na nnebɔne firie;na wɔn amumuyɛ adwene nni mma ɔka.

ASCB: 8ASCB

Wɔsere afoforɔ na wɔka wɔn ho nsɛm a ɛnyɛ;wɔde nhyɛsoɔ hunahuna afoforɔ wɔ ahomasoɔ mu.

ASCB: 9ASCB

Wɔn ano ka ɔsoro nsɛm,na wɔn tɛkrɛma agye asase afa.

ASCB: 10ASCB

Ɛno enti wɔn nkurɔfoɔ kɔ wɔn nkyɛnna wonya nsuo bebree nom.

ASCB: 11ASCB

Wɔbisa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn ahunu?Na Ɔsorosoroni no wɔ nhunumu anaa?”

ASCB: 12ASCB

Sei na amumuyɛfoɔ no teɛ,hwee mfa wɔn ho, na wɔkɔ so pɛ ahonyadeɛ.

ASCB: 13ASCB

Ampa ara, mʼakoma a ɛho teɛ no, mannya hwee amfiri mu;me nsa a ɛnni fɔ no ayɛ kwa.

ASCB: 14ASCB

Ɛda mu nyinaa mehunu amane;anɔpa biara wɔtwe mʼaso.

ASCB: 15ASCB

Sɛ mekaa sɛ, “Mɛkasa saa” a,anka medii wo mma no hwammɔ.

ASCB: 16ASCB

Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛte yeinom nyinaa ase,nanso na ɛhyɛ me so

ASCB: 17ASCB

kɔsii sɛ mekɔɔ Onyankopɔn kronkronbea hɔ;ɛhɔ na metee deɛ ɛbɛba wɔn so awieeɛ no ase.

ASCB: 18ASCB

Ampa ara wode wɔn gu baabi a ɛhɔ yɛ toro.Wode wɔn hwe fam sɛe wɔn pasaa.

ASCB: 19ASCB

Sɛdeɛ wɔsɛe prɛko pɛ,na ehu hwim wɔn kɔ no,

ASCB: 20ASCB

ɛte sɛ daeɛso, ɛberɛ a onipa anyaneɛ,Ao Awurade, sɛ wokanyane wo ho a,wobɛbu wʼani agu wɔn so sɛ biribi a ɛnni hɔ.

ASCB: 21ASCB

Ɛberɛ a awerɛhoɔ hyɛɛ mʼakoma muna me sunsum dii yea no,

ASCB: 22ASCB

meyɛɛ sɛ obi a ɔnnim hwee na ɔnni adwene;meyɛɛ sɛ aboa gyimifoɔ wɔ wʼanim.

ASCB: 23ASCB

Nanso, na mene wowɔ hɔ ɛberɛ biara;na wode wo nsa nifa asɔ me mu.

ASCB: 24ASCB

Wode wʼafotuo kyerɛ me ɛkwan;na akyire no, wode me bɛkɔ animuonyam mu.

ASCB: 25ASCB

Hwan na mewɔ wɔ soro ka wo ho?Na biribiara nni asase so a mepɛ ka wo ho.

ASCB: 26ASCB

Me honam, ne mʼakoma bɛdi me hwammɔ,nanso Onyankopɔn ne mʼakoma ahoɔdenne me kyɛfa daa nyinaa.

ASCB: 27ASCB

Wɔn a wɔmmɛn wo no bɛyera.Wosɛe wɔn a wɔnni wo nokorɛ nyinaa.

ASCB: 28ASCB

Nanso, me deɛ, menim sɛ ɛyɛ sɛ wɔbɛbɛn Onyankopɔn.Mede Otumfoɔ Awurade ayɛ me hintabea;mɛka wo nneyɛɛ nyinaa akyerɛ.