Skip to main content

Scripture

Nnwom 75

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 75 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, yɛda wo ase,yɛda wo ase, ɛfiri sɛ wo Din abɛn;nnipa ka wʼanwanwadeɛ kyerɛ.

ASCB: 2ASCB

Woka sɛ, “Me na mehyɛɛ ɛberɛ a ɛsɛ no;ɛyɛ me na mebu atɛntenenee.

ASCB: 3ASCB

Sɛ asase ne ɛso nnipa nyinaa woso a,me na mema nʼafadum gyina hɔ pintinn.

ASCB: 4ASCB

Meka kyerɛ ahantanfoɔ sɛ, ‘Monnhoahoa mo ho bio,’na meka kyerɛ amumuyɛfoɔ nso sɛ, ‘Mommma mo mmɛn so.

ASCB: 5ASCB

Mommma mo mmɛn so ntia ɔsoro;mommfa animtiabuo nkasa.’ ”

ASCB: 6ASCB

Obiara mmfiri apueeɛ anaa atɔeɛanaa ɛserɛ no so a ɔbɛtumi ama obi so.

ASCB: 7ASCB

Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔbu atɛn:Ɔbrɛ ɔbaako ase, na ɔma ɔfoforɔ so.

ASCB: 8ASCB

Kuruwa bi hyɛ Awurade nsamnsã bi a ɛtwa ahuro a wɔde nnuhwam afra ahyɛ no ma;ɔhwie, na asase so amumuyɛfoɔ nyinaanom ma ɛka aseɛ puo.

ASCB: 9ASCB

Me deɛ, mɛpae mu aka yei daa daa;mɛto ayɛyi dwom ama Yakob Onyankopɔn.

ASCB: 10ASCB

Mɛbubu amumuyɛfoɔ nyinaa mmɛn,nanso mɛma ateneneefoɔ ahoɔden foforɔ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoɔ.