Skip to main content

Scripture

Nnwom 72

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 72 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, fa wʼatɛntenenee ma ɔhene no,na fa wo tenenee ma ɔhene babarima.

ASCB: 2ASCB

Ɔde tenenee bɛbu wo nkurɔfoɔ atɛn,ɔbɛbu wo nkurɔfoɔ a wɔrehunu amane no atɛntenenee.

ASCB: 3ASCB

Mmepɔ no de yiedie bɛbrɛ nnipa no,nkokoɔ no de tenenee bɛba.

ASCB: 4ASCB

Ɔbɛko ama nnipa no mu amanehunufoɔna woagye wɔn a wɔnni bie mma nkwa;ɔbɛdwerɛ nhyɛsofoɔ.

ASCB: 5ASCB

Owia ne ɔsrane da so wɔ hɔ yiwɔbɛsuro wo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

ASCB: 6ASCB

Ɔbɛyɛ sɛ osuo a ɛtɔ gu asase a wɔadɔ soɔ so,te sɛ obosuo a ɛgugu asase so.

ASCB: 7ASCB

Teneneefoɔ bɛnyini frɔmfrɔm wɔ ne berɛ so;yiedie bɛbu so kɔsi da a ɔsrane nni hɔ bio.

ASCB: 8ASCB

Ɔbɛdi ɔhene afiri ɛpo akɔsi ɛpoafiri Asubɔnten Efrata akɔsi asase ano.

ASCB: 9ASCB

Ɛserɛ so mmusua bɛkoto nʼanimna nʼatamfoɔ adi mfuturo.

ASCB: 10ASCB

Tarsis ne mpoano ahemfo a wɔwɔ akyirikyiride apeatoɔ bɛbrɛ no;Saba ne Seba ahemfode ayɛyɛdeɛ bɛbrɛ no.

ASCB: 11ASCB

Ahemfo nyinaa bɛkoto noamanaman nyinaa bɛsom no.

ASCB: 12ASCB

Na ɔbɛgye mmɔborɔfoɔ a wɔsu frɛ no,ne amanehunufoɔ a wɔnni ɔboafoɔ.

ASCB: 13ASCB

Ɔbɛhunu wɔn a wɔayɛ mmrɛ ne ahiafoɔ mmɔbɔna wagye ahiafoɔ nkwa.

ASCB: 14ASCB

Ɔbɛgye wɔn afiri nhyɛsoɔ ne akakabensɛm mu,ɛfiri sɛ wɔn mogya som bo wɔ nʼanim.

ASCB: 15ASCB

Ɔhene nkwa so!Ma wɔmfa sikakɔkɔɔ mfiri Seba mmrɛ no.Ma nnipa mmɔ mpaeɛ mma nona wɔnhyira no da mu nyinaa.

ASCB: 16ASCB

Aburoo mmu so wɔ asase no so nyinaa;nnuane mmu so wɔ nkokoɔ so,ma nʼaba mmɔ sɛ Lebanon;na ɛnyini sɛ mfuo so serɛ.

ASCB: 17ASCB

Ne din bɛtena hɔ daa;ɛntena hɔ nkyɛre sɛ owia.Wɔbɛfa ne so ahyira amanaman no,na wɔbɛfrɛ no nhyira.

ASCB: 18ASCB

Nhyira nka Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn!Ɔno nko ara na ɔyɛ anwanwadeɛ.

ASCB: 19ASCB

Nhyira nka ne din a animuonyam ahyɛ no ma no daa daa.Ma nʼanimuonyam nhyɛ ewiase nyinaa ma.Amen! Amen!

ASCB: 20ASCB

Yisai ba Dawid mpaeɛbɔ no awieeɛ nie.