Skip to main content

Scripture

Nnwom 71

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 71 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, wo mu na me dwane hinta;mma mʼanim ngu ase da.

ASCB: 2ASCB

Wo tenenee no enti, yi me na gye me;tie me na gye me nkwa.

ASCB: 3ASCB

Yɛ me nkwagyeɛ botanfaako a mɛtumi akɔ daa;hyɛ ma wɔmmɛgye me nkwa,na wo ne me botan ne mʼaban.

ASCB: 4ASCB

Ao me Onyankopɔn, gye me firi amumuyɛfoɔ nsam,gye me firi nnebɔneyɛfoɔ ne atirimuɔdenfoɔ nsam.

ASCB: 5ASCB

Na woayɛ mʼanidasoɔ, Ao Asafo Awurade,mʼahotɔsoɔ firi mʼababunu berɛ mu.

ASCB: 6ASCB

Ɛfiri awoɔ mu, mede me ho ato wo so;wo na woyii me firii me maame yafunu mu.Mɛkamfo wo daa.

ASCB: 7ASCB

Mayɛ nhwɛsodeɛ ama bebree,nanso wo ne me dwanekɔbea denden.

ASCB: 8ASCB

Wo nkamfo ahyɛ mʼanom ma,mekamfo wʼanimuonyam da mu nyinaa.

ASCB: 9ASCB

Nto me ntwene ɛberɛ a mabɔ akɔkoraa;mʼahoɔden sa me mu a, nnya me.

ASCB: 10ASCB

Ɛfiri sɛ mʼatamfoɔ kasa tia mewɔn a wɔtwɛn sɛ wɔbɛkum me no bom pam me tiri so.

ASCB: 11ASCB

Wɔka sɛ, “Onyankopɔn agya no mu;momma yɛnti no na yɛnkyere no,na obiara nni hɔ a ɔbɛgye no.”

ASCB: 12ASCB

Ao Onyankopɔn, mfiri me nkyɛn nkɔ akyiri;Ao me Onyankopɔn, yɛ ntɛm bɛboa me.

ASCB: 13ASCB

Ma wɔn a wɔbɔ me soboɔ no nsɛe animguaseɛ mu;wɔn a wɔpɛ sɛ wɔpira me noma ahohora ne animguaseɛ nkata wɔn so.

ASCB: 14ASCB

Nanso me deɛ, mɛnya anidasoɔ daa;mɛkɔ so makamfo wo.

ASCB: 15ASCB

Mɛka wo tenenee ho asɛm,ne wo nkwagyeɛ da mu nyinaa,nanso mennim ano.

ASCB: 16ASCB

Ao Otumfoɔ Awurade, mɛba abɛpae mu aka wo nnwuma akɛseɛ no;mɛpae mu aka wo nko ara tenenee akyerɛ.

ASCB: 17ASCB

Ao Onyankopɔn, ɛfiri mʼababunu berɛ na wokyerɛkyerɛɛ me,na ɛbɛsi ɛnnɛ yi, meka wʼanwanwadeɛ a woayɛ kyerɛ.

ASCB: 18ASCB

Mpo sɛ mebɔ akɔkoraa na mefu dwono a,Ao Onyankopɔn, nnya me,kɔsi sɛ mɛka wo tumi ho asɛm akyerɛ nkyirimma,ne wo kɛseyɛ akyerɛ wɔn a wɔbɛba nyinaa.

ASCB: 19ASCB

Ao Onyankopɔn, wo tenenee duru sorosoro,wo a woayɛ nneɛma akɛseɛ.Ao Onyankopɔn, hwan na ɔte sɛ wo?

ASCB: 20ASCB

Mmom woama mahunu ɔhaw bebree a ɛyɛ yea;nanso wobɛma me nkwa bio;na wobɛyi me bioafiri asase ase.

ASCB: 21ASCB

Wobɛhyɛ me animuonyam bebreena woakyekye me werɛ bio.

ASCB: 22ASCB

Mede sankuo bɛkamfo woAo me Onyankopɔn, wo tenenee entimɛto wʼayɛyi dwom wɔ sankuten soAo Israel Kronkronni.

ASCB: 23ASCB

Mʼanofafa de anigyeɛ bɛteamɛberɛ a meto dwom kamfo woɔ,me a woagye me no.

ASCB: 24ASCB

Me tɛkrɛma bɛka wo tenenee nnwumada mu nyinaa,ɛfiri sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔha me nokɔ animguaseɛ ne basabasayɛ mu.