Scripture
Nnwom 7
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 7 Bible text
ɛnneɛ ma mʼatamfoɔ ntaa me na wɔmmɛto me;ma wɔntiatia me so wɔ famna wɔmma me funu nna mfuturo mu.
Sɔre wʼabufuo mu, Ao Awurade!Sɔre tia mʼatamfoɔ abufuo.Nyane, me Onyankopɔn; hyɛ atɛntenee mmara.
ma Awurade mmu nnipa no atɛn.Bu me atɛn, Ao Awurade sɛdeɛ me teneneeyɛ teɛ,sɛdeɛ me nokorɛdie teɛ, Ao Ɔsorosoroni.
Ao Onyankopɔn teneneeni,wo a wohwehwɛ adwene ne akoma mu,fa amumuyɛfoɔ basabasayɛ bra awieeɛna ma ateneneefoɔ nya banbɔ.
Mede aseda bɛma Awuradene tenenee entina mato ayɛyi dwom ayi Awurade, Ɔsorosoroni no din ayɛ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ wɔnto no “gittit” sankuo nne so.