Skip to main content

Scripture

Nnwom 8

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 8 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, yɛn Awurade,wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa.Wode wʼanimuonyamatimtim ɔsoro nohoa,

ASCB: 2ASCB

mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn anokamfo wo, wʼatamfoɔ nti;na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

ASCB: 3ASCB

Sɛ mehwɛ wo soro,wo nsateaa ano adwuma;ɔsrane ne nsoromma awode obiara asi nʼafa a,

ASCB: 4ASCB

onipa ne hwan a wokae no,na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

ASCB: 5ASCB

Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔna wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.

ASCB: 6ASCB

Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwumawode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

ASCB: 7ASCB

nnwankuo ne nantwikuo nyinaane wiram mmoa nso,

ASCB: 8ASCB

ewiem nnomaane ɛpo mu mpataa,deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.

ASCB: 9ASCB

Ao, Awurade, yɛn Awurade,wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.