Skip to main content

Scripture

Nnwom 6

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 6 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao, Awurade nka mʼanim wɔ wʼabofuo mu,na ntwe mʼaso nso wɔ wʼabufuhyeɛ mu.

ASCB: 2ASCB

Hu me mmɔbɔ, Awurade, ɛfiri sɛ meyɛ mmrɛ;Ao Awurade sa me yadeɛna me nnompe wɔ ahoyera mu.

ASCB: 3ASCB

Me kra wɔ ahohia mu.Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade, ɛnkɔsi da bɛn?

ASCB: 4ASCB

Sane bra, Ao Awurade, na bɛgye me nkwa;gye me, wo dɔ a ɛnni hwammɔ no enti.

ASCB: 5ASCB

Obi a wawuo no renkae wo da,hwan na ɔfiri damena mu kamfo woɔ?

ASCB: 6ASCB

Apinisie ama mayɛ mmerɛ.Anadwo mu nyinaa mede agyaadwotwa fɔ me mpana me nisuo fɔ me sumiiɛ.

ASCB: 7ASCB

Awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ me kusuu.Ɛredum mʼatamfoɔ nyinaa enti.

ASCB: 8ASCB

Mo nnebɔneyɛfoɔ, montwe mo ho mfiri me ho,ɛfiri sɛ Awurade ate me sufrɛ.

ASCB: 9ASCB

Awurade ate me mmɔborɔ su; Awurade tie me sufrɛ.

ASCB: 10ASCB

Mʼatamfoɔ nyinaa anim bɛgu asena wɔn ho adwiri wɔn;na wɔapatu de fɛreɛ asane wɔn akyi.