Scripture
Nnwom 68
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 68 Bible text
Sɛdeɛ mframa bɔ wisie gu no,saa ara na bɔ wɔn gu;sɛdeɛ sradeɛ nane wɔ ogya so no,saa ara na amumuyɛfoɔ nyera mfiri Onyankopɔn anim.
Nanso, ma ateneneefoɔ ani nnyena wɔnsɛpɛ wɔn ho wɔ Onyankopɔn anim;ma wɔn ho ntɔ wɔn na wɔnni ahurisie.
To dwom ma Onyankopɔn, to dwom yi ne din ayɛ.Ma deɛ ɔnante omununkum soɔ no din so.Ne din ne Awurade;ma wʼani nnye wɔ nʼanim.
Ɔma onnibie tena mmusua mu,na ɔde nnwontoɔ yi nneduafoɔ ma wɔde wɔn ho;na atuatefoɔ deɛ, wɔtena asase a awo so.
asase wosoeɛ,na ɔsoro tuee osuo guu fam,wɔ Onyankopɔn, Sinai Onyankopɔn no,Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn no anim.
Mpo wɔn a wɔn daberɛ wɔ nnwankuo mu no,wɔnya afodeɛ no bi.Wɔnya aborɔnoma a wɔde sikakɔkɔɔ ne sika adura wɔn ntaban so.”
Ɛberɛ a Otumfoɔ bɔɔ ahene a wɔwɔ asase no so hweteeɛ no,na ɛte sɛ sukyerɛmma a agu Salmon so.
Ao mmepɔ mmɔnkyi mmɔnka, adɛn enti na mode ani bɔnehwɛ bepɔ a Onyankopɔn ayi sɛ ɔbɛdi so ɔhene,baabi a Awurade ankasa bɛtena afebɔɔ?
Onyankopɔn nteaseɛnam yɛ ɔpedu mpem mpemne ɔpepem mpem mpem;Awurade firi Sinai aba ne kronkronbea.
Ɛberɛ a woforo kɔɔ soro no,wode nnommumfoɔ kaa wo ho;wonyaa ayɛyɛdeɛ firii nnipa hɔ,firii atuatefoɔ hɔ mpo,sɛ ɛbɛyɛ a wobɛtena hɔ, Ao Awurade Onyankopɔn.
Ao Onyankopɔn, yɛahunu wo santen yuu no,me Onyankopɔn ne me Ɔhene santen yuu no a ɔde reba ne kronkronbea hɔ.
Nnwontofoɔ no wɔ animu, ɛnna asankubɔfoɔ no nso di so,na mmabaawa a wɔrewoso akasaeɛ nso ka wɔn ho.
Abusuakuo ketewa Benyamin na ɔdi wɔn ɛkan,Yuda mmapɔmma kuo kɛseɛ no di so,na Sebulon ne Naftali mmapɔmma aba.
Ka aboa a ɔhyɛ demmire mu no anim,ne anantwinini kuo a wɔhyɛ amanaman no anantwie mma mu no.Brɛ wɔn ase kɔsi sɛ wɔde dwetɛ mpɔ bɛba.Bɔ wɔn a wɔn ani gye ɔko ho no pansam.
Mompae mu nka Onyankopɔn tumi,deɛ ne kɛseyɛ hata Israel so no,na ne tumi wɔ soro soro no.
Wo ho yɛ nwanwa, Onyankopɔn, wɔwo kronkronbea hɔ;Israel Onyankopɔn de tumi ne ahoɔden ma ne nkurɔfoɔ.Ayɛyie nka Onyankopɔn!Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛ “Sukooko.”