Skip to main content

Scripture

Nnwom 67

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 67 Bible text

ASCB: 1ASCB

Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛnɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

ASCB: 2ASCB

na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so,ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.

ASCB: 3ASCB

Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

ASCB: 4ASCB

Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom,ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee muna woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

ASCB: 5ASCB

Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn;ma nnipa nyinaa nkamfo wo!

ASCB: 6ASCB

Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ,na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.

ASCB: 7ASCB

Onyankopɔn bɛhyira yɛn,na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.