Scripture
Nnwom 69
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 69 Bible text
Meremem wɔ atɛkyɛ a emu dɔ mu,wɔ baabi a me nan nnya siberɛ.Maduru subunu muna nsuo abu afa me so.
Wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔsosene me tiri so nwi;wɔn a wɔtane me kwa no dɔɔso,wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.Wɔhyɛ me sɛ mennanedeɛ menwiaaɛ no mma.
Mma wɔn a wɔde wɔn ho to wo so noanim ngu ase ɛsiane me enti,Ao Awurade, Asafo Awurade;mma wɔn a wɔhwehwɛ wo noanim ngu ase me enti,Ao Israel Onyankopɔn.
Nanso mɛbɔ wo mpaeɛ, Ao Awurade,wɔ wʼadom berɛ mu;wɔ wʼadɔeɛ kɛseɛ no enti, Ao Onyankopɔn,fa wo nokorɛ nkwagyeɛ no gye me so.
Yi me firi atɛkyɛ no mu,mma memmem wɔ mu;gye me firi wɔn a wɔtane me no nsam,ne nsu bunu mu.
Kasatia ahyɛ mʼakoma soama mayɛ sɛ obi a ɔnni ɔboafoɔ;mepɛɛ awerɛkyekyerɛ nanso mannya bi,mepɛɛ ɔwerɛkyekyefoɔ, nanso manhunu bi.
ɛfiri sɛ Onyankopɔn bɛgye Sion nkwana wakyekyere Yuda nkuropɔn no bio.Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn dea;