Skip to main content

Scripture

Nnwom 5

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 5 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Awurade, yɛ aso ma me nsɛmna dwene mʼapinisie ho.

ASCB: 2ASCB

Tie me mmoa ho sufrɛ,me Ɔhene ne me Onyankopɔn,ɛfiri sɛ wo na mebɔ wo mpaeɛ.

ASCB: 3ASCB

Ao, Awurade, wote me nne anɔpa;anɔpa, mede mʼadesrɛ ba wʼanimna mede anidasoɔ twɛn.

ASCB: 4ASCB

Wonyɛ Onyankopɔn a wʼani gye bɔne ho;na amumuyɛfoɔ rentumi ne wo ntena.

ASCB: 5ASCB

Ahantanfoɔ rentumi nnyina wʼanim;wokyiri wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa.

ASCB: 6ASCB

Wosɛe wɔn a wɔka atorɔsɛm; Awurade kyirimogyapɛfoɔ ne asisifoɔ.

ASCB: 7ASCB

Nanso me, wo mmɔborɔhunu bebrebe enti,mɛba wo fie;na anidie mu na mɛkotoakyerɛ wʼasɔredan kronkron no.

ASCB: 8ASCB

Ao Awurade kyerɛ me ɛkwanwɔ wo tenenee mumʼatamfoɔ enti,bɔ wo kwan tee wɔ mʼanim.

ASCB: 9ASCB

Wɔn anom asɛm baako mpo nyɛ nokorɛ;ɔsɛeɛ ahyɛ wɔn akoma ma.Wɔn menewa yɛ damena a ɛso abuewɔde wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

ASCB: 10ASCB

Ao, Onyankopɔn, bu wɔn fɔ!Ma wɔn pɔ bɔne nyɛ wɔn ahweaseɛ.Pam wɔn ɛsiane wɔn bɔne dodoɔ no enti,ɛfiri sɛ wɔasɔre atia wo.

ASCB: 11ASCB

Nanso, ma wɔn a wɔdwane ba wo nkyɛn no ani nnye;ma wɔmfa anigyeɛ nto dwom daa.Trɛ wo banbɔ mu wɔ wɔn so,na wɔn a wɔdɔ wo din noma wɔn ani nnye wɔ wo mu.

ASCB: 12ASCB

Ao Awurade, ampa ara, wohyira teneneefoɔ;na wode wʼayamyɛ twa wɔn ho hyia te sɛ akokyɛm.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ sɛ ɔmfa sankuhoma nto wɔ Seminit ɛnne so.