Skip to main content

Scripture

Nnwom 58

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 58 Bible text

ASCB: 1ASCB

Mo sodifoɔ, ampa ara, moka asɛm a ɛtene anaa?Mobu atɛntenenee wɔ nnipa mu anaa?

ASCB: 2ASCB

Dabi! Modwene ntɛnkyea wɔ mʼakomamna mo nsa de akakabensɛm ba asase so.

ASCB: 3ASCB

Amumuyɛfoɔ fom kwan firi awoɔ mu;wɔyɛ mmaratofoɔ firi awotwaa mu na wɔdi atorɔ.

ASCB: 4ASCB

Wɔn ano ɛborɔ te sɛ ɔwɔ deɛ.Ɛte sɛ ɔprammire a watɛn nʼaso,

ASCB: 5ASCB

a ɔnte ntafowayifoɔ dwom,na ne dwom dɛɛdɛ no mpo mfa ne ho.

ASCB: 6ASCB

Ao Onyankopɔn, bubu ɛse a ɛgu wɔn anom,Ao Awurade, tutu agyata no sebɔmmɔfoɔ no gu!

ASCB: 7ASCB

Ma wɔntwa mu nkɔ sɛ nsunsuan;sɛ wɔtwe wɔn agyan a, ma wɔn bɛmma no ano nwu.

ASCB: 8ASCB

Ma wɔnyɛ sɛ nwa pɛkyɛpɛkyɛ bi a ɔretene kɔ.Ma wɔnyɛ sɛ ɔba a ɔwu wɔ awoeɛ na ɔnhunu owia.

ASCB: 9ASCB

Ansa na mo nkukuo bɛte nkasɛɛ ano yea,sɛ ɛyɛ mono anaa deɛ awo no, wɔbɛpra amumuyɛfoɔ akɔ.

ASCB: 10ASCB

Sɛ wɔtua amumuyɛfoɔ ka a, ateneneefoɔ ani bɛgye,na wɔbɛhohoro wɔn nan ho wɔ amumuyɛfoɔ mogya mu.

ASCB: 11ASCB

Afei nnipa bɛka sɛ, “Ampa ara, ateneneefoɔ kɔ so nya wɔn akatua;na ampa ara Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ɔbu ewiase atɛn.”Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.