Skip to main content

Scripture

Nnwom 59

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 59 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, gye me firi mʼatamfoɔ nsam;bɔ me ho ban firi wɔn a wɔtaa me so no ho.

ASCB: 2ASCB

Gye me firi amumuyɛfoɔ nsam.Gye me nkwa firi mogyapɛfoɔ nsam.

ASCB: 3ASCB

Hwɛ sɛdeɛ wɔatɛ repɛ me akum meakokobirefoɔ bɔ pɔ bɔne tia mea ɛnyɛ mfomsoɔ anaa bɔne bi a mayɛ enti, Ao Awurade.

ASCB: 4ASCB

Menyɛɛ mfomsoɔ bi, nanso wɔayɛ krado sɛ wɔbɛto ahyɛ me so.Sɔre bɛgye me; hwɛ mʼamanehunu!

ASCB: 5ASCB

Ao Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn,ma wo ho so na twe amanaman no nyinaa aso;nhunu amumuyɛfoɔ nkontompofoɔ no mmɔbɔ.

ASCB: 6ASCB

Wɔsane ba anwummerɛ,wɔpɔ so sɛ nkraman,na wɔkyinkyin kuropɔn no mu.

ASCB: 7ASCB

Hwɛ deɛ wɔfe firi wɔn anomu,wɔfe akofena firi wɔn anomuna wɔka sɛ: “Hwan na ɔteɛ”?

ASCB: 8ASCB

Nanso, wo Awurade, wosere wɔn;wodi saa aman no nyinaa ho fɛw.

ASCB: 9ASCB

Ao mʼAhoɔden, mehwɛ wo;wo, Ao Onyankopɔn ne mʼabankɛseɛ,

ASCB: 10ASCB

me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.Onyankopɔn bɛdi mʼanimna ɔbɛma mahwɛ wɔn a wɔbɔ me ahohora no haa.

ASCB: 11ASCB

Nanso nkum wɔn, Ao Awurade yɛn akokyɛm,na me nkurɔfoɔ werɛ amfiri wɔn.Wo tumi mu no ma wɔnnantenante,na brɛ wɔn ase.

ASCB: 12ASCB

Bɔne a ɛfiri wɔn anomu,ne wɔn ano nsɛm entima wɔn ahomasoɔ nkyekyere wɔn.Abususɛm a wɔka ne atorɔ a wɔtwa enti,

ASCB: 13ASCB

sɛe wɔn wɔ abufuhyeɛ mu,kɔsi sɛ wɔn ase bɛtɔre.Afei ɛbɛma asase so afanan nyinaa ahunusɛ Onyankopɔn di Yakob so.

ASCB: 14ASCB

Wɔsane ba anwummerɛ,wɔpɔ so sɛ nkramanna wɔkyinkyin kuropɔn no mu.

ASCB: 15ASCB

Wɔkyinkyini pɛ aduanena sɛ wɔammee a, wɔsu bobom.

ASCB: 16ASCB

Nanso mɛto wʼahoɔden ho dwom,mɛto wʼadɔeɛ ho dwom anɔpa;ɛfiri sɛ woyɛ mʼabankɛseɛ,mʼahintaeɛ wɔ ahohia mmerɛ mu.

ASCB: 17ASCB

Ao mʼAhoɔden, mɛto ayɛyi dwom ama wo;wo, Ao Onyankopɔn, ne mʼabankɛseɛ, me Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Susan Edut.”