Skip to main content

Scripture

Nnwom 57

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 57 Bible text

ASCB: 1ASCB

Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ,na wo mu na me kra nya dwanekɔbea.Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbeakɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam.

ASCB: 2ASCB

Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no;Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho.

ASCB: 3ASCB

Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa,ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim;Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ.

ASCB: 4ASCB

Agyata atwa me ho ahyia;meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu,nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmmana wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam.

ASCB: 5ASCB

Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.

ASCB: 6ASCB

Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie,ahohiahia brɛɛ me ase.Wɔtuu amena wɔ me kwan mu,nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu.

ASCB: 7ASCB

Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn,mʼakoma nhinhim;mɛto dwom na mayi wo ayɛ.

ASCB: 8ASCB

Me kra nyane!Sankuo ne bɛnta, monnyane!Me nso mɛnyane anɔpahema.

ASCB: 9ASCB

Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu;mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu.

ASCB: 10ASCB

Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro;wo nokorɛ kɔka ewiem.

ASCB: 11ASCB

Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ;ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so.