Skip to main content

Scripture

Nnwom 56

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 56 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ na nnipa taa me anibereɛ so;da mu nyinaa, wɔmia mmirika a wɔtu wɔtaa me no mu.

ASCB: 2ASCB

Wɔn a wɔbɔ me ahohora taa me da mu nyinaa;wɔn a wɔma wɔn ho so tia me dɔɔso.

ASCB: 3ASCB

Sɛ mebɔ hu a,mede me ho bɛto wo so.

ASCB: 4ASCB

Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no,mede me ho to Onyankopɔn so, na merensuro.Ɛdeɛn na onipa dasani bɛtumi ayɛ me?

ASCB: 5ASCB

Ɛda mu nyinaa wɔgye mʼano si bɔne;ɛberɛ biara wɔbɔ pɔ sɛ wɔbɛteetee me.

ASCB: 6ASCB

Wɔbɔ pɔ, na wɔtetɛ,wɔhwɛ mʼanammɔntuo,na wɔpere sɛ wɔbɛkum me.

ASCB: 7ASCB

Ɛkwan biara so, mma wɔmfa wɔn ho nni;Ao Onyankopɔn, brɛ amanaman no ase wɔ wʼabufuo mu.

ASCB: 8ASCB

Twerɛ me kwadwom to hɔ;sese me nisuo wɔ wo nwoma mmobɔeɛ no mu.Ɛnni deɛ woatwerɛ ato hɔ no mu anaa?

ASCB: 9ASCB

Sɛ mepɛ mmoa firi wo hɔ a,mʼatamfoɔ bɛsane wɔn akyi.Yei bɛma mahunu sɛ Onyankopɔn wɔ mʼafa.

ASCB: 10ASCB

Onyankopɔn a mekamfo nʼasɛm no, Awurade a mekamfo nʼasɛm no,

ASCB: 11ASCB

mede me ho to Onyankopɔn so; na merensuro.Ɛdeɛn na ɔdasani bɛtumi ayɛ me?

ASCB: 12ASCB

Ao Onyankopɔn, mehyɛ ɛbɔ a mahyɛ wo no ase,mede mʼaseda afɔdeɛ bɛbrɛ wo.

ASCB: 13ASCB

Ɛfiri sɛ, woagye me afiri owuo mu,woamma me nan ansunti,sɛdeɛ mɛtumi anante Onyankopɔn animwɔ nkwa hann mu.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ no. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No.”