Scripture
Nnwom 55
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 55 Bible text
wɔ deɛ mʼatamfoɔ rekane sɛdeɛ amumuyɛfoɔ hwɛ me haa nti;wɔde amanehunu brɛ me;na wɔde abufuo sopa me.
Ao Awurade, ma amumuyɛfoɔ nyɛ basaa, na ma wɔn kasa ntoto,ɛfiri sɛ mɛhunu basabasayɛ ne apereapereɛ wɔ kuropɔn no mu.
Sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔresopa me a,anka mɛtumi agyina ano;sɛ ɛyɛɛ ɔtamfoɔ na ɔrema ne ho so atia me a,anka mɛtumi de me ho ahinta no.
a kane no na me ne no wɔ ayɔnkofa a emu yɛ denɛberɛ a yɛn nyinaa abɔ mu yuu rekɔ Onyankopɔn fie no.
Ɔde ne ho bɔ afɔdeɛ ma me nya me tiri didimwɔ ɔko a wɔko tiaa me no mu,mpo bebree na wɔko tia me.
Onyankopɔn a wɔasi no ɔhene afebɔɔ no,ɔbɛte wɔn nka na waha wɔn,ɔbɛha nnipa a wɔnsesa wɔn akwan dana wɔnsuro Onyankopɔn nso.
Ɔwɔ tɛkrɛmawoɔ,nanso ɔtan wɔ nʼakomam.Nʼano asɛm dwodwo sene ngo,nanso ɛyɛ akofena a wɔatwe.
Nanso, wo, Ao Onyankopɔn, wobɛbrɛ amumuyɛfoɔ aseama wɔakɔ porɔeɛ amena mu;mogyapɛfoɔ ne adaadaafoɔrenni wɔn nkwanna mu fa.Me deɛ, mede me ho to wo so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Aburuburo a ɔsi Akyirikyiri Odum so.”