Skip to main content

Scripture

Nnwom 54

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 54 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu;fa wo tumi di mʼasɛm ma me.

ASCB: 2ASCB

Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ;tie mʼanom nsɛm.

ASCB: 3ASCB

Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so.Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me;nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

ASCB: 4ASCB

Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ;Awurade ne me hwɛfoɔ.

ASCB: 5ASCB

Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so;wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.

ASCB: 6ASCB

Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo;Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ,ɛfiri sɛ ɛyɛ.

ASCB: 7ASCB

Woagye me afiri me haw nyinaa mu,na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.