Skip to main content

Scripture

Nnwom 53

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 53 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ɔkwasea ka nʼakoma mu sɛ,“Onyankopɔn bi nni hɔ.”Wɔaporɔ, na wɔn akwan yɛ animguaseɛ.Baako koraa nni hɔ a ɔyɛ ade pa.

ASCB: 2ASCB

Onyankopɔn firi soro hwɛ adasamma wɔ famsɛ ɔbɛhunu wɔn mu bi awɔwɔ nteaseɛ,anaa ebinom a wɔhwehwɛ Onyankopɔn.

ASCB: 3ASCB

Obiara amane;wɔn nyinaa ayɛ bɔne;wɔn mu bi nni hɔ a ɔyɛ papa;ɔbaako mpo nni hɔ.

ASCB: 4ASCB

Enti abɔnefoɔ rensua nyansa anaa?Wɔwe me nkurɔfoɔ sɛdeɛ nnipa di aduane.Wɔnnsu mfrɛ Onyankopɔn.

ASCB: 5ASCB

Wɔn na wɔwɔ hɔ a wɔabɔ huboa!Wɔn ho popo wɔ beaeɛ a ehu nni hɔ.Onyankopɔn bɛhwete wʼatamfoɔ no nnompe agu;wobɛgu wɔn anim ase, ɛfiri sɛ Onyankopɔn abu wɔn animtiaa.

ASCB: 6ASCB

Ao, ma Israel nkwagyeɛ mfiri Sion mmra!Onyankopɔn bɛsane de ne nkurɔfoɔ agyapadeɛ ama wɔn.Na Yakob adi ahurisie, na Israel ani agye!Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔbɔ no sankuo so.