Scripture
Nnwom 52
ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Reading options
Reading options
Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.
Nnwom 52 Bible text
Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho?Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa,wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so?
Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo;ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu;Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so.
“Hwɛ, onipa no niedeɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandendenna mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ sona ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!”
Nanso, mete sɛ ngo dua aɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie:mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no sodaa nyinaa.
Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti;wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ.Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto.