Skip to main content

Scripture

Nnwom 51

ASCBBiblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Reading options

Reading options

Choose translations and a comfortable presentation. Scripture stays first.

Choose a Bible passage

Nnwom 51 Bible text

ASCB: 1ASCB

Ao Onyankopɔn hunu me mmɔbɔ,sɛdeɛ wʼadɔeɛ a ɛnsa da no teɛ;wʼahummɔborɔ kɛseɛ no enti,pepa me mmarato.

ASCB: 2ASCB

Hohoro mʼamumuyɛ nyinaana te me ho firi me bɔne mu!

ASCB: 3ASCB

Na mahunu me mmarato,na mekae me bɔne daa.

ASCB: 4ASCB

Mayɛ mfomsoɔ atia wo; atia wo nko arana mayɛ deɛ ɛyɛ bɔne wɔ wʼani so,enti, wodi bem wɔ wo kasa muna wotene wɔ wʼatemmuo mu.

ASCB: 5ASCB

Ampa ara wɔwoo me wɔ bɔne mu,na bɔne mu na me maame nyinsɛnee me.

ASCB: 6ASCB

Ampa ara nokorɛ na wohwehwɛ wɔ me mu.Wokyerɛ me nyansa a emu dɔ.

ASCB: 7ASCB

Fa hisope hohoro me ho, na me ho bɛte;dware me, na mɛhoa asene sukyerɛmma.

ASCB: 8ASCB

Ma mente ahosɛpɛ ne anigyeɛ nka;na ma nnompe a woabubuo no nni ahurisie.

ASCB: 9ASCB

Kata wʼani wɔ me bɔne hona pepa mʼamumuyɛ nyinaa.

ASCB: 10ASCB

Ao Onyankopɔn, bɔ akoma a emu teɛ wɔ me mu,na ma me honhom foforɔ a ɛdi wo nokorɛ.

ASCB: 11ASCB

Mpamo me mfiri wʼanimna ɛnyi wo Honhom Kronkron mfiri me mu.

ASCB: 12ASCB

Fa wo nkwagyeɛ mu anigyeɛ no ma me biona ma me ɔsetie honhom a ɛbɛkura me.

ASCB: 13ASCB

Afei mɛkyerɛ nnebɔneyɛfoɔ wʼakwan,na amumuyɛfoɔ bɛsane aba wo nkyɛn.

ASCB: 14ASCB

Ao Onyankopɔn, gye me firi mogya ho afɔdie mu.Onyame a wogye me nkwa,na me tɛkrɛma bɛto wo tenenee ho dwom.

ASCB: 15ASCB

Ao Awurade, bue mʼano fafa,na mede mʼano bɛpae mu aka wʼayɛyie.

ASCB: 16ASCB

Wompɛ afɔrebɔ, anka mɛbɔ;wʼani nnye ɔhyeɛ afɔdeɛ ho.

ASCB: 17ASCB

Onyankopɔn afɔdeɛ a ɔpɛ yɛ honhom a abotoɔ.Ao Onyankopɔn,worempo ahonu ne ahobrɛaseɛ akoma.

ASCB: 18ASCB

Ao Onyankopɔn, ma Sion nya nkɔsoɔ wɔ wʼanigyeɛ mu;na to Yerusalem afasuo.

ASCB: 19ASCB

Afei afɔrebɔ a ɛho teɛ bɛba,ɔhyeɛ afɔdeɛ a ɛdi mu a ɛbɛsɔ wʼani;na wɔde anantwinini bɛbɔ afɔdeɛ wʼafɔrebukyia so.Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.